Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:09

[1] Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn.

[2] Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no, tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atɛmmuo ba nʼankasa ara so.

[3] Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɔ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ papa na wɔbɛkamfo wo.

[4] Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn somfoɔ a wo yiedie mu nti na ɔyɔ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfoɔ enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso.

[5] Ɛsiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no nti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.

[6] Yei nti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɔ wɔn adwuma a, wɔyɔ ma Onyankopɔn.

[7] Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne nidie ma wɔn nyinaa.

[8] Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no, adi mmara no so.

[9] Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

[10] Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.

[11] Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim dɔn ko a wowɔ mu. Berɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, berɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene berɛ a yɛgye dii kane no.

[12] Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nnoɔma a ɛyɛ sum deɛ no yɔ na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no.

[13] Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa asaborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu.

[14] Momfira Awurade Yesu Kristo sɛ mo ntoma, na monnyae mo su bɔne no.

Romafoɔ — Chapters