[1] Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn Agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ?
[2] Sɛ ɔnam nnoɔma a ɔyɔeɛ so nyaa Onyankopɔn anim animuonyam a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
[3] Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
[4] Onipa a ɔyɔ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ na mmom, ɛyɛ biribi a wayɔ ho adwuma anya.
[5] Ɛnyɛ nnepa bi a onipa yɛ na ɛma ɔfata Onyankopɔn anim. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyedie wɔ ne mu.
[6] Atwerɛsɛm mu no, Dawid ka nhyira a ɛba nnipa a Onyankopɔn agye wɔn ato mu so, wɔ berɛ a wɔnnsɛ saa nhyira no. Dawid kaa sɛ,
[7] “Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn, na na wɔakata wɔn bɔne so.
[8] Nhyira nka onipa a Awurade nkae ne bɔne!”
[9] Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; Ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”
[10] Berɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
[11] Akyire yi na wɔtwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia.
[12] Yei nso ma Abraham yɛ obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyedie wɔ Onyankopɔn mu no agya; sɛdeɛ Abraham yɛeɛ ansa na wɔretwa no twetia no.
[13] Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ ɔde wiase nyinaa bɛma wɔn. Ɛnyɛ sɛ ɔdi a Abraham dii Mmara no so nti na ɔhyɛɛ no saa bɔ no, na mmom, ɛsiane ne gyidie nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.
[14] Sɛ Mmara a Abraham ne nʼasefoɔ dii so nti na wɔhyɛɛ wɔn bɔ a, ɛnneɛ na gyedie yɛ ohunu na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ.
[15] Mmara no de Onyankopɔn abufuo ba; na sɛ Mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
[16] Biribiara gyina gyidie a obi wɔ wɔ Onyankopɔn mu no so. Enti bɔhyɛ no firi adom mu. Ɛwɔ hɔ ma Abraham ne nʼasefoɔ a wɔwɔ Mmara no ase ne dodoɔ a wɔyɛ Abraham asefoɔ a wɔwɔ gyedie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie no.
[17] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Abraham bɛyɛ aman nyinaa agya.” Wɔhyɛɛ Abraham saa bɔ yi, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ gyidie wɔ Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ na ɔyɛ adeɛ nyinaa foforɔ mu.
[18] Abraham gye diiɛ na ɔnyaa anidasoɔ berɛ a na anidasoɔ nni hɔ, enti ɔbɛyɛɛ “aman bebree so agya”, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Wʼasefoɔ bɛdɔɔso no” no.
[19] Na Abraham reyɛ adi mfeɛ ɔha no ne gyidie anhinhim. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara ntumi nwo mma nso anha no.
[20] Wampa ne gyidie na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ne gyidie maa no tumi ma ɔkamfoo Onyankopɔn.
[21] Na ɔgye di yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi adi ɛbɔ a wahyɛ no no so,
[22] Ɛno nti na Onyankopɔn gyee no too mu.
[23] Wɔantwerɛ sɛ, “Wɔgyee no sɛ ɔtreneeni” no amma ɔno nko ara.
[24] Wɔtwerɛ maa yɛn nso a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn sɛ ateneneefoɔ a yɛwɔ gyidie wɔ deɛ ɔnyanee yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no mu nso.
[25] Ɛsiane yɛn bɔne nti, wɔde no maa yɛn sɛ ɔmmɛwu, na wɔnyanee no baa nkwa mu maa wɔbuu yɛn bem.