[1] Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ.
[2] Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me koma mu ma me nkurɔfoɔ.
[3] Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho.
[4] Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
[5] Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu nti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ no daadaa. Amen.
[6] Menka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ.
[7] Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo manfoɔ bɛfiri Isak ase.”
[8] Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.
[9] Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio berɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
[10] Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak.
[11] Na sɛdeɛ ɛbɛyɔ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti,
[12] ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔnnneyɔeɛ so,
[13] sɛdeɛ Atwerɛwsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no.
[14] Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabida!
[15] Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Deɛ mepɛ no no na mʼahummɔborɔ bɛkɔ ne so.”
[16] Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ no nnyina ɔpɛ a obi pɛ sɛ ɔnya anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so.
[17] Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara nti na mesii wo hene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.”
[18] Yei kyerɛ sɛ, Onyankopɔn hu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
[19] Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛantumi ansi Onyankopɔn pɛ ho kwan a, adɛn nti na ɔbɔ yɛn soboɔ?”
[20] Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn nti na wonwonoo me sei?”
[21] Ɔnwomfoɔ no wɔ ho kwan sɛ ɔde ɛboɔ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɔ deɛ ɔpɛ biara.
[22] Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɔ no te. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo ne ne tumi adi kyerɛ obiara a ɔpɛ ɔsɛeɛ, nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn.
[23] Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼayɛmyɛ a ɔwɔ ma nnipa a wapa wɔn sɛ wɔbɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ no teɛ.
[24] Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa na mmom, Amanamanmufoɔ nso.
[25] Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no ‘me man’, ne ɔman a mannɔ no no ‘me dɔfoɔ.’”
[26] “Na bea korɔ no ara a wɔkaa sɛ, ‘Monyɛ me man’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ Onyankopɔn teasefoɔ no mma.”
[27] Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ, “Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a, wɔn mu kakraa bi na wɔbɛgye wɔn nkwa.
[28] Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɔ wɔ asase so no.”
[29] Yesaia nso kaa sɛ, “Sɛ Awurade tumfoɔ no annya yɛn akyifoɔ bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane sɛ Gomora”.
[30] Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ Amanamanmufoɔ a wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho bata Onyankopɔn no nam gyidi so maa wɔfataa Onyankopɔn anim.
[31] Nanso, berɛ a Israelfoɔ pɛɛ sɛ wɔnam mmara so die bɛfata Onyankopɔn anim no, wannye wɔn anto mu.
[32] Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso na anka ɛsɛsɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu mmom. Wɔsuntee suntiboɔ no
[33] a Atwerɛsɛm no ka fa ho sɛ, “Mede suntiboɔ ne amanehunuboɔ a ɛbɛma nnipa ahwe ase reto Sion, na obiara a ɔbɛgye no adi no anim rengu ase da.”