Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 9:22

[1] Yɛduruu mpoano hɔ no, ankyɛ na yɛhunuu sɛ yɛwɔ supɔ Malta so.

[2] Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛw so. Ɛsiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba nti, wɔsɔɔ gya ma yɛtoeɛ.

[3] Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu egya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a egya no hyeɛ aka no no, bobaree ne nsa ho.

[4] Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no sɛ ɔbobare ne nsa ho no, wɔkaa sɛ, “Saa onipa yi yɛ owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne nti, owuo ara na ɛtwa sɛ ɔwu.”

[5] Paulo petee ɔwɔ no too egya no mu a hwee anyɛ no.

[6] Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu sɛ Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kaa sɛ, “Ɔyɛ onyame bi.”

[7] Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano hɔ; ɔgyee yɛn fɛw so, som yɛn hɔhoɔ nnansa.

[8] Saa berɛ no ara na Publio papa yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den.

[9] Deɛ Paulo yɔeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ.

[10] Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn.

[11] Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne sɛnkyerɛnne yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so.

[12] Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa wɔ hɔ.

[13] Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi bɔ firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli.

[14] Ɛha na yɛhyiaa gyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma.

[15] Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn kwan wɔ adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Berɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase.

[16] Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.

[17] Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn man ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no deɛ, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.

[18] Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wɔgyina so ku me.

[19] Nanso, berɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa.

[20] Yei nti na mepɛɛ sɛ mehu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”

[21] Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn.

[22] Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Kristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.”

[23] Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa da no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene.

[24] Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni.

[25] Berɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ,

[26] Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ, ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ. Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhu.’

[27] Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo koma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mobɛhunu adeɛ na moate asɛm, na mo koma abubu, na moadane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

[28] Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru Amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!”

[29] Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.

[30] Paulo tenaa hɔ mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu na nnipa bebree kɔ ne nkyɛn.

[31] Na ɔde akokoduro kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

Asomafoɔ No Nnwuma — Chapters