[1] Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.
[2] Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi soro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.
[3] Egya a ɛredɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.
[4] Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, maa wɔkaa kasa foforɔ.
[5] Saa berɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Nyame firi mmeammea aba Yerusalem.
[6] Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
[7] Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?
[8] Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
[9] Partifoɔ, Medifoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
[10] Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,
[11] Kretafoɔ ne Arabifoɔ mu biara kasa mu yi?”
[12] Wɔde ahodwiri bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”
[13] Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛw sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsa.”
[14] Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeeden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.
[15] Saa nnipa yi mmoboroo nsa sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa boro.
[16] Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoel hyɛɛ ho nkɔm sɛ,
[17] Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom Kronkron no magu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, ama mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
[18] Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom Kronkron no agu me nkoa ne me mfenawa mpo so ama wɔahyɛ nkɔm.
[19] Mede mogya ne egya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne wɔ ɔsoro ne asase so.
[20] Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
[21] Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.
[22] “Israelfoɔ, montie! Yesu Nasaretni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu.
[23] Onyakopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ maa wɔbɔɔ no asɛnnua mu kum no.
[24] Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.”
[25] Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa; ɔwɔ me nifa nti biribiara ntumi nha me.
[26] “Yei nti, me kra ani gye na anigyeɛ hyɛ mʼanomu ma. Na anidasoɔ mu na mɛtena ase.
[27] “Ɛfiri sɛ, wo Nyankopɔn, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo somfoɔ pa mporɔ.
[28] ‘Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim’.”
[29] “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne da da so wɔ hɔ bɛsi nnɛ.
[30] Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
[31] Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no. Ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no amma asaman, ne honam amporɔ.’
[32] Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ.
[33] “Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnne na mohunu na mote yi.
[34] “Dawid ankasa deɛ, wankɔ soro, na mmom, ɔkaa sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, tena me nsa nifa so ha,
[35] kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.’
[36] “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”
[37] Berɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɔ?”
[38] Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
[39] Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
[40] Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”
[41] Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa gyidifoɔ no ho.
[42] Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia, didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
[43] Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no.
[44] Gyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.
[45] Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.
[46] Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyakopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.
[47] Da biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.