[1] Yeinom akyi no, Paulo firii Ateene kɔɔ Korinto.
[2] Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreɛ no ne ne yere, Priskila. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so.
[3] Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɔɔ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan.
[4] Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di.
[5] Berɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no.
[6] Berɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyaa no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri nnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ Amanamanmufoɔ.”
[7] Ɔfirii hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamefɛrefoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.
[8] Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefo nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu.
[9] Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no,
[10] ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.”
[11] Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
[12] Berɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ,
[13] kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.”
[14] Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka.
[15] Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtɛmmufoɔ.”
[16] Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ.
[17] Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.
[18] Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Ɛsiane bɔ a na wahyɛ no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kinkeria.
[19] Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ.
[20] Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so.
[21] Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso.
[22] Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyiaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia.
[23] Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ gyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den.
[24] Saa berɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie.
[25] Ɛsiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim.
[26] Ɔfirii aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Berɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie.
[27] Berɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, gyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa gyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Berɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti, wɔabɛyɛ gyidifoɔ no yie.
[28] Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.