Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:16

[1] Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi kan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɔeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ

[2] kɔsi berɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ soro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ soro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

[3] Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mprɛ pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.

[4] Da bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.

[5] Yohane deɛ, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo deɛ ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”

[6] Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”

[7] Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu berɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.

[8] Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”

[9] Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ soro na wɔanhu no bio.

[10] Wɔgu so rehwɛ wiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,

[11] kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn nti na mogyina ha rehwɛ wiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ soro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ soro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.”

[12] Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa.

[13] Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.

[14] Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnuammarimanom hyia bɔ mpaeɛ.

[15] Nna kakraa bi akyi no, gyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ:

[16] Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhon Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu.

[17] Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.

[18] Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so.

[19] Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, “Mogya Asase.”

[20] Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ, ‘Ne fie nna mpan, na ne som adwuma no, obi mfa.’

[21] “Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee berɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa,

[22] firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi berɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ soro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.”

[23] Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia.

[24] Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara koma mu. Ɛno nti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,

[25] sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.”

[26] Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.

Asomafoɔ No Nnwuma — Chapters