[1] Berɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.”
[2] Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnyeɛ dendeenden. Saa asɛm yi nti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kɔhunuu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho.
[3] Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa Amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie.
[4] Wɔduruu Yerusalem no, asafo no, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔkaa nnoɔma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɔ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
[5] Nanso, Farasifoɔ a wɔabɛyɛ gyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa Amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so.
[6] Asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ, dwennwenee asɛm yi ho.
[7] Wɔdwennwenee ho wieeɛ no, Petro sɔre kasaa sɛ, “Me nuanom, monim sɛ berɛ bi a atwam no, Onyankopɔn yii me firii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ Amanamanmufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi.
[8] Sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔnim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn so no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye Amanamanmufoɔ nso atom.
[9] Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn koma mu.
[10] Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduro a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa gyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?
[11] Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
[12] Berɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ Amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn.
[13] Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me!
[14] Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii Amanamanmufoɔ sɛ ne deɛ, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho.
[15] Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ,
[16] ‘Yei akyi, mɛsane maba mabɛsi Dawid fie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so na masane masi bio,
[17] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, nnipa a wɔaka ne Amanamanmufoɔ a wɔbɔ me din no bɛhwehwɛ Awurade.’
[18] Sɛdeɛ Awurade a ɔdaa yei adi berɛ bi a atwam no seɛ nie.”
[19] Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha Amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no.
[20] Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso.
[21] Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan Mose mmara no wɔ hyiadan mu na wɔka ne nsɛm nso wɔ kuro biara mu.”
[22] Asomafoɔ ne mpanimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiaeɛ, yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi nnipa bi afiri kuo no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Wɔyii mmarima atitire baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.
[23] Nwoma a wɔde maa wɔkɔeɛ no mu nsɛm ni: “Anuanom Amanamanmufoɔ a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyea mo.
[24] “Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene.
[25] Yei nti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba
[26] a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba.
[27] “Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo.
[28] Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛmmfa adesoa foforɔ bi a ɛmu yɛ duro nnsoa mo;
[29] monnni aduane a wɔde ama abosom; saa ara nso na monnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ. Bio, montwe mo ho mfiri adwamammɔ ho. Sɛ motumi di saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛbɛsi mo yie. Yɛsane kyea mo.”
[30] Wɔgyaa nnipa no kwan maa wɔkɔɔ Antiokia. Wɔduruu hɔ no, wɔhyiaa gyidifoɔ no de nwoma no maa wɔn.
[31] Gyidifoɔ no kenkanee nwoma no no, ɛmu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyeeɛ.
[32] Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifoɔ no ne anuanom no kasa kyɛeɛ, hyɛɛ wɔn nkuran.
[33] Wɔdii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu maa wɔsane kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.
[34] Nanso, Silas deɛ, wankɔ bi.
[35] Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi maa wɔkyerɛkyerɛeɛ, kaa Awurade asɛm.
[36] Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Ma yɛnsane nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkuro a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔrekɔ so wɔ gyidie mu.”
[37] Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ,
[38] nanso Paulo ampene so, ɛfiri sɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ɔgyaa wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankɔsi awieeɛ.
[39] Akasakasa a ɛmu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu teteeɛ. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro
[40] na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa maa wɔfirii hɔ kɔeɛ.
[41] Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.