[1] Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ berɛ a wɔde bɔ mpaeɛ.
[2] Wɔreyɛ aduru asɔredan pono a wɔfrɛ no Pono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto pono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.
[3] Berɛ a ohunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi.
[4] Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!”
[5] Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi.
[6] Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika deɛ, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasaretni din mu, sɔre nante!”
[7] Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den.
[8] Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔfirii aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn.
[9] Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ.
[10] Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan pono a wɔfrɛ no Pono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.
[11] Berɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
[12] Berɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ?
[13] Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nananom Nyankopɔn ama ne somfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na berɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.
[14] Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo.
[15] Enti, mokum obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ.
[16] “Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.
[17] “Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim.
[18] Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa kwan yi so maa ɛbaa mu.
[19] Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔde mo bɔne akyɛ mo,
[20] sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Mesia no a wayi no ama mo dada no.
[21] Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nnoɔma nyinaa bɛyɛ foforɔ.
[22] Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.
[23] Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛte no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’
[24] “Samuel ne adiyifoɔ a akyire yi wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn.
[25] Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamoeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira wiasefoɔ nyinaa.’
[26] Enti, Onyankopɔn dii kan yii ne somfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.”