[1] Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu no bi ne Barnaba ne Simon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kieneni, Saulo ne Manaen a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ.
[2] Berɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.”
[3] Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.
[4] Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro.
[5] Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa berɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.
[6] Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu.
[7] Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma maa wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie.
[8] Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm.
[9] Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ,
[10] “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Berɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm!
[11] Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa berɛ yi de kɔsi berɛ bi.” Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa.
[12] Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no.
[13] Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa hyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem.
[14] Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ.
[15] Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
[16] Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa fitii aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne Amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me!
[17] “Israel Nyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ berɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim,
[18] na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ serɛ so mfeɛ aduanan.
[19] Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ,
[20] maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atɛmmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ.
[21] Berɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan.
[22] Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼananmu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’
[23] Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa.
[24] Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakra mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
[25] Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’
[26] “Me nuanom Abraham asefoɔ ne Amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn.
[27] Ɛsiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu.
[28] Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ deɛ, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnku no.
[29] Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no.
[30] “Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu.
[31] Ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.
[32] “Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu.
[33] Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ, ‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ, mabɛyɛ wʼAgya.’
[34] “Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensan nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ, ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’
[35] Wɔaka no baabi nso sɛ, ‘Woremma wo ba kronkron no mporɔ.’
[36] Dawid berɛ so, ɔsom Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ na ɔporɔeɛ.
[37] Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.
[38] “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
[39] Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
[40] Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ sɛ,
[41] ‘Mo fɛwdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na monyera! ɛfiri sɛ, adwuma a mereyɔ wɔ mo berɛ so no yɛ biribi a, sɛ obi kyerɛkyerɛ mo mu a, morente aseɛ!’ no amma mo so.”
[42] Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.
[43] Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.
[44] Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm.
[45] Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye, kasa tiaa no.
[46] Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoduro kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo nti, yɛbɛgya mo hɔ akɔ Amanamanmufoɔ no nkyɛn.
[47] Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, ‘Mayɛ mo Amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye wiasefoɔ nyinaa nkwa.’ ”
[48] Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ gyidifoɔ.
[49] Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa.
[50] Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu.
[51] Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom.
[52] Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.