[1] Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?”
[2] Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no,
[3] ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’
[4] Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham papa wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so.
[5] Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma.
[6] Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan.
[7] Na mɛtwe nnipa a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’
[8] “Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Yei nti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia.
[9] “Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti,
[10] ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Berɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ.
[11] “Saa berɛ no mu, ɔkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kana asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni.
[12] Enti, berɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi kan.
[13] Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ.
[14] Yosef kraa ne papa Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson num.
[15] Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui.
[16] Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieiɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu.
[17] “Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ.
[18] Akyire yi, ɔhene bi a na ɔnnim Yosef bɛdii adeɛ.
[19] Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔbɛwuwu.
[20] “Saa berɛ yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ ne papa fie abosome mmiɛnsa,
[21] na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba.
[22] Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɔeɛ mu.
[23] “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ.
[24] Ɔduruu hɔ no, ohunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no maa Mose kum Misraimni no.
[25] Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ.
[26] “Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’
[27] “Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtɛmmufoɔ?
[28] Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ nnora wokum Misraimni no anaa?’
[29] “Berɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.
[30] “Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ serɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so.
[31] Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ hwɛɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ,
[32] ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.
[33] “Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron.
[34] Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’
[35] Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no berɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtɛmmufoɔ no?’ Ɔno na Onyakonpɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wura a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ.
[36] Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ serɛ so mfeɛ aduanan no.
[37] “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛsoma odiyifoɔ bi a ɔfiri mo mu aba mo nkyɛn.’
[38] Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ serɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa berɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.
[39] “Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio.
[40] Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’
[41] Wɔyɔɔ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ.
[42] “Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho maa wɔsom ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ, ‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode mfeɛ aduanan kum mmoa de bɔɔ afɔdeɛ maa me wɔ serɛ so hɔ.
[43] Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa nti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’
[44] “Saa berɛ no na Ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ serɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ.
[45] Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de Ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kosii Dawid berɛ so.
[46] “Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn.
[47] Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn.
[48] Nanso, ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ,
[49] ‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, Awurade na ɔseɛ. Na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Na mʼahomegyebea wɔ he?
[50] Ɛnyɛ mʼankasa na meyɔɔ yeinom nyinaa?’
[51] “Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo koma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan.
[52] Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkum Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii kan bɔɔ ɔteneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, aku no.
[53] Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”
[54] Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie.
[55] Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ soro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so.
[56] Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”
[57] Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so,
[58] twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
[59] Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!”
[60] Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.