Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:34

[1] Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa gyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara.

[2] Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie.

[3] Ɛsiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no nti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree gyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.

[4] Gyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ.

[5] Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no.

[6] Berɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no.

[7] Ahohommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ.

[8] Yei nti, anigyeɛ baa Samaria.

[9] Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no nti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu.

[10] Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no ‘Ɔkɛseɛ’ no?”

[11] Ɛsiane ne nkonyaa a na ɔyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi.

[12] Berɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu.

[13] Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no maa ne ho dwirii no.

[14] Berɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.

[15] Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa gyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so.

[16] Ɛfiri sɛ, saa berɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so.

[17] Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.

[18] Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ,

[19] “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”

[20] Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no.

[21] Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wo koma mu nte wɔ Onyankopɔn anim.

[22] Sakra wʼadwene firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.

[23] Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo dommum.”

[24] Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”

[25] Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.

[26] Awurade bɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ kwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.”

[27] Berɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni . Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ fie.

[28] Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no.

[29] Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.”

[30] Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”

[31] Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.

[32] Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi, “Ɔte sɛ odwan a wɔde no rekɔ akɔku no ne odwammaa a wɔreyi ne ho nwi a watɛm dinn; wammue nʼano.

[33] Nʼanimguaseɛ mu wannya odimafoɔ. Obi ntumi nkyerɛ nʼase, ɛfiri sɛ, ne nkwa nna wɔ asase yi so atwa tiawa.”

[34] Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?”

[35] Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.

[36] Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo ni. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?”

[37] Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”

[38] Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu.

[39] Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio deɛ, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so.

[40] Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.

Asomafoɔ No Nnwuma — Chapters