[1] Berɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn.
[2] Wɔn bo fu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu.
[3] Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa nti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ.
[4] Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no diiɛ.
[5] Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem.
[6] Wɔhyiaa Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforɔ a wɔfiri Ɔsɔfopanin no abusua mu.
[7] Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yii baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɔɔ yei?”
[8] Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buaa sɛ, “Ɔman mpanimfoɔ ne atitire.
[9] Sɛ nnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɔ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a,
[10] ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.”
[11] Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ, “Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no abɛyɛ tweatiboɔ.
[12] Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni wiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.”
[13] Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwiri sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoduro so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ.
[14] Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ.
[15] Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho.
[16] Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɔ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo.
[17] Sɛdeɛ ɛbɛyɔ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɔ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”
[18] Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.
[19] Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa.
[20] Deɛ yɛahu ne deɛ yeate deɛ, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”
[21] Agyinatufoɔ no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso, na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho.
[22] Na ɔbarima a wɔnam anwanwakwan so saa no yadeɛ no adi boro mfeɛ aduanan.
[23] Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ gyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn.
[24] Berɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu,
[25] wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ, ‘Adɛn nti na Amanamanmufoɔ bo fu, adɛn nti na nnipa bɔ apoo hunu?
[26] Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.’
[27] “Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne Amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a wɔate ne ho no.
[28] Wɔhyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no.
[29] Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfoɔ yi mfa akokoduro nka wʼasɛm yi.
[30] Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfoɔ Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ.”
[31] Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoeɛ. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wɔfirii aseɛ de akokoduro kaa Onyankopɔn asɛm.
[32] Gyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ.
[33] Asomafoɔ no nam tumi a ɛmu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.
[34] Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no
[35] brɛɛ asomafoɔ no maa wɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ɛho hia obiara.
[36] Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no,
[37] tɔn nʼasase de sika a ɔnyaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.