Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:04

[1] Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi.

[2] Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.

[3] Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?

[4] Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wodea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”

[5] Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.

[6] Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no.

[7] Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ.

[8] Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika a wo ne wo kunu tɔn mo agyapadeɛ.”

[9] Petro bisaa no sɛ, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”

[10] Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn.

[11] Asafo no mu nnipa foforɔ a wɔtee saa asɛm yi no suroo yie.

[12] Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii.

[13] Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa deɛ, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho.

[14] Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa gyidifoɔ no ho.

[15] Ɛsiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.

[16] Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahohommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.

[17] Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.

[18] Ɛno nti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase.

[19] Da no ara anadwo, Awurade bɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ,

[20] “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”

[21] Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ fitii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsomaa maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim.

[22] Nanso, berɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ,

[23] “Berɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.”

[24] Berɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi.

[25] Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.”

[26] Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ.

[27] Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ,

[28] “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkum saa ɔbarima no!”

[29] Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,

[30] ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee no firii owuo mu.

[31] Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

[32] Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.”

[33] Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no.

[34] Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farasini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no kyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi.

[35] Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɔ saa nnipa yi no ho yie.

[36] Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔreeɛ, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkum no maa nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ.

[37] Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkum no maa nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ.

[38] “Ɛno nti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi mma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu.

[39] Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”

[40] Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mmfa nnkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn.

[41] Ɛsiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ.

[42] Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da.

Asomafoɔ No Nnwuma — Chapters