[1] Wɔsii gyinaeɛ wieeɛ sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafoɔ bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafoɔ panyin no nsa.
[2] Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ɔfiri Tesalonika no ka yɛn ho.
[3] Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sido. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nnoɔma a ɛho hia no no.
[4] Ɛsiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.
[5] Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu.
[6] Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu hyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu.
[7] Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ po no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Ɛsiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.
[8] Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea.
[9] Ɛsiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa berɛ no nso po no so fa yɛ hu no nti, yɛtenaa hɔ kyɛeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ,
[10] “Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama ɛmu nnoɔma asɛeɛ ama nnipa ahwere wɔn nkwa.”
[11] Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne hyɛn no wura kaeɛ no.
[12] Ɛsiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no nti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka hyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foenike. Foenike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu.
[13] Mframa a ano nyɛ den bɔ firii anafoɔ fam. Yei maa nnipa no susuu sɛ wɔbɛtumi atoa wɔn akwantuo no so sɛdeɛ wɔahyehyɛ no. Enti, wɔtuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano.
[14] Ankyɛ koraa na mframa kɛseɛ bi a wɔfrɛ no “Atifi Apueeɛ Mframa” bɔ firii supɔ no so.
[15] Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdane hyɛn no ani na anyɛ yie no, yɛgyae maa mframa no twee no kɔeɛ.
[16] Yɛduruu supɔ ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛeɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no kodoɔ a ɛsɛn akyire no aba mu.
[17] Ɛhyɛn no mu adwumayɔfoɔ maa so baa hyɛn no mu, kyekyeree no dendeenden. Ɛsiane sɛ na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ akɔtim anwea mu nti, wɔyiyii hyɛn dua no so ntoma maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.
[18] Mframaden no kɔɔ so bɔeɛ; ɛno nti adeɛ kyeeɛ no, wɔyiyii hyɛn no mu nnoɔma no bi to guu po no mu.
[19] Ne nnansa so no, wɔsesaa hyɛn no ho nnoɔma no bi to guiɛ.
[20] Nna bebree twaa mu a na yɛnhunu awia anaa nsoromma a na mframaden no gu so retu. Yei maa yɛn anidasoɔ nyinaa saeɛ.
[21] Nna bebree twaa mu a na obiara nnidiɛ no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ motiee me na yɛantu amfiri Kreta a, anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.
[22] Nanso, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ.
[23] “Nnora anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfoɔ baa me nkyɛn
[24] bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Paulo, nsuro! Deɛ ɛbɛyɔ biara wobɛduru Kaesare anim ama wadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’
[25] Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, ɛfiri sɛ, megye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
[26] Nanso, deɛ ɛbɛyɔ biara, hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔ bi mpoano.”
[27] Ne nnawɔtwe mmienu anadwo no a na mframaden no nti ɛhyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasuo mu na ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ hunuu sɛ yɛrebɛn asase.
[28] Wɔtoo susuhoma hunuu sɛ nsuo no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wɔsusuu bio no, wɔhunuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron.
[29] Ɛsiane sɛ na wɔsuro sɛ anyɛ a ɛhyɛn no bɛpem abotan bi nti, wɔtoo sɛkyɛ nan wɔ hyɛn no akyi twɛn kosii adekyeeɛ.
[30] Ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ pɛɛ sɛ wɔdwane. Enti, wɔgyaee ɛhyɛn no kodoɔ no sii po no ani boapa yɛɛ sɛdeɛ wɔrekɔto asɛkyɛ wɔ ɛhyɛn no anim.
[31] Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ panin no ne asraafoɔ a wɔka ne ho no sɛ, “Sɛ ɛhyɛn yi mu adwumayɛfoɔ no dwane a, mobɛwuwu.”
[32] Yei nti, asraafoɔ no twaa homa a ɛkyekyere ɛhyɛn no kodoɔ no mu no maa ɛkɔeɛ.
[33] Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano.
[34] Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.”
[35] Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa brodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ.
[36] Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔfitii aseɛ didiiɛ.
[37] Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔsɔn nsia.
[38] Obiara didi meeɛ no, hyɛn no mu adwumayɔfoɔ no too aburoo a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.
[39] Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɔfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a po no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim.
[40] Ɛno nti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu po mu. Afei, wɔsansanee homa a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.
[41] Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.
[42] Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, obiara rennya kwan nnwane.
[43] Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no nti, wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no mfiti aseɛ nnware nkɔ mpoano.
[44] Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa kwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano dohoa dwoodwoo.