[1] Asomafoɔ ne gyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ Amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi.
[2] Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ gyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ,
[3] “Woakɔ wɔn a wɔnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”
[4] Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amanneɛ sɛ,
[5] “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafanan sɛ ɛfiri soro resiane ba fam reba abɛsi me ho.
[6] Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa.
[7] Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
[8] “Mebuaa sɛ, ‘Dabida, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’
[9] “Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’
[10] “Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ soro.
[11] Saa berɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu.
[12] Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa gyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fie.
[13] Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro bɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no.
[14] Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
[15] “Berɛ a mefitii aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso mfitiaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ.
[16] Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
[17] Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a berɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”
[18] Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama Amanamanmufoɔ anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”
[19] Wɔkum Stefano no, wɔtaa gyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara.
[20] Gyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ Amanamanmufoɔ no.
[21] Ɛsiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.
[22] Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu nti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
[23] Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso.
[24] Ɛsiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
[25] Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo.
[26] Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Kristofoɔ.”
[27] Saa berɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia.
[28] Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɔkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii berɛ a na Klaudia di adeɛ no.
[29] Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.
[30] Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.