Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:34

[1] Saa krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn.

[2] Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no.

[3] Ɔdom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.

[4] Ɛsiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.

[5] Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu.

[6] Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu,

[7] ɛno nti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti, nhyira biara, monya bi.

[8] Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɔ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara.

[9] Onyankopɔn a wafrɛ mo ne ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.

[10] Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako.

[11] Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe fie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.

[12] Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”

[13] Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa?

[14] Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho.

[15] Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ.

[16] Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio.

[17] Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu na obi antumi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ ohunu.

[18] Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi.

[19] Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”

[20] Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu.

[21] Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no, renhu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa.

[22] Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnne, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa.

[23] Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma Amanamanmufoɔ;

[24] nanso Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, saa asɛm yi yɛ Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn tumi ne ne nyansa no.

[25] Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.

[26] Afei, anuanom, monkae berɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso.

[27] Nanso, Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nnoɔma a ɛyɛ mmerɛ wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.

[28] Ɔfaa deɛ wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ wiase susu sɛ ɛho hia no.

[29] Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.

[30] Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn ama Kristo ayɛ yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho.

[31] Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”

I Korintofoɔ — Chapters