[1] Na yefii mu fii no, ɛno na yɛtee sɛ wɔfrɛ supɔw no Malta.
[2] Na ɛhɔfo pɔtɔfo no yɛɛ yɛn adɔe pii a ɛmma ɔka; na osu a ɛretɔ ne awɔw no nti, wɔsɔɔ ogya gyee yɛn nyinaa.
[3] Na Paulo boaboaa mmobaa ano de guu gya no so no, ɔhyew no nti, ahurutoa bi fii mu bɛkyekyeree ne nsa ho.
[4] Na nnipa a wɔwɔ hɔ no huu aboa no sɛ ɔsɛn ne nsa ho no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ owudifo a wanya nkwa afi po mu de, nanso aweredi nti, ɛmma onnya nkwa.
[5] Na ɔpetee aboa no too gya mu, nso hwee anyɛ no.
[6] Na wɔn de, anka wɔn ani wɔ so sɛ ɔrebɛhonhon anaasɛ ɔrebɛhwe ase awu mpofirim; nanso wɔhwɛe hwɛe na wohui sɛ biribi anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae sɛ gyama ɔyɛ onyame bi.
[7] Nso ɛhɔnom ara na supɔw no so otitiriw a ne din de Publio no asase wɔ; na ogyee yɛn yɛɛ yɛn hɔho nnansa hwɛɛ yɛn yiye.
[8] Na ɛbae sɛ Publio n’agya da hɔ yare atiridii ne ayamhwie; enti Paulo kɔɔ no nkyɛn, na ɔbɔɔ mpae de ne nsa guu no so saa no yare.
[9] Eyi akyi no, wɔn a aka nso a wɔyare supɔw no so no bae ma wɔsaa wɔn yare.
[10] Wodii yɛn ni pii, na yefi hɔ rekɔ no, wɔde nneɛma a ehia yɛn no brɛɛ yɛn.
[11] Na asram abiɛsa akyi no, yesii Aleksandria hyɛn bi a abedi awɔw bere supɔw no so a n’agyirae ne Ata-ne-ata no mu kɔe.
[12] Na yekogyinaa Sirakuse no, yedii hɔ nnansa.
[13] Ɛhɔ na yefi de kɔntɔn koduu Regio, na dafua akyi no, anafo mframa bɔe, na n’adekyee no, yekoduu Puteoli.
[14] Ɛhɔ na yehuu anuanom bi, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnansɔn; na yefii hɔ koduu Roma.
[15] Ɛhɔ na anuanom a wɔtee yɛn nka no fi behyiaa yɛn Apius gua so ne akuraa bi a ɛde Nsadan-mmiɛnsa, na Paulo huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na ɔmaa ne bo tɔɔ ne yam.
[16] Na yeduu Roma no, wɔmaa Paulo kwan sɛ ɔne ɔsraani a ɔhwɛ no no nkɔtena nea ɔpɛ.
[17] Na ɛbae sɛ nnansa akyi no, Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw no hyiae; na wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, menyɛɛ biribi mintiaa ɔman anaa yɛn agyanom amanne de, nanso wɔkyeree me Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa.
[18] Na wɔn nso, wɔhwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔpɛe sɛ anka wogyaa me, efisɛ menyɛɛ akunne biara.
[19] Nanso Yudafo kasa tiae nti, na etwa sɛ mede m'asɛm kɔdan Kaesare, ɛnyɛ sɛ me ne me man wɔ nkurobɔ bi.
[20] Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.
[21] Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn de, yennyaa wo ho nhoma bi mfii Yudea ɛ, nanso anuanom no mu biara mmae mmɛbɔɔ kaseɛ anaasɛ ɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne bi ɛ.
[22] Na yɛpɛ sɛ yetie nea wo ara wudwen, na Fekuw yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.
[23] Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn nea ɔte hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn ase dii Nyankopɔn ahenni ho adanse, na ɔde Mose mmara ne adiyifo no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no mu fi anɔpa kosii anadwofa.
[24] Na ebinom gyee nea ɔkae no dii, na ebinom nso annye anni.
[25] Na wɔn ano ankɔ bɛnkoro mu nti, wɔkɔe, bere a Paulo kaa asɛm biako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom
[26] sɛ: Kɔ ɔman yi nkyɛn na kɔka sɛ: Ɔte de, mobɛte, na morente ase, na ohu nso, mubehu, na morenhu mu.
[27] Na ɔman yi koma apirim, na wɔmfa wɔn aso nte asɛm yiye, na wɔamuamua wɔn ani; na wɔamfa wɔn ani anhu ade, na wɔamfa wɔn aso ante asɛm, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan amma me nkyɛn na mansa wɔn yare.
[28] Enti munhu sɛ wɔama wɔde Onyankopɔn nkwagye no akɔma amanaman mufo no; na wɔbɛte.
[29] [Na ɔkaa nsɛm yi no, Yudafo no kɔe, na wogyigyee akyinnye pii wɔn mu].
[30] Na mfe abien kusuu na ɔde tenaa n’ankasa fi a otua ka no mu, na ogyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa
[31] kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.