Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:01

[1] Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto.

[2] Na ohuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe, ne ne yere Priskila, efisɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ, na ɔkɔɔ wɔn nkyɛn.

[3] Na sɛ ɔne no adwuma yɛ biako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; efisɛ wɔyɛ ntamadanyɛfo.

[4] Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di.

[5] Na Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de nnam kaa asɛm no, na odii adanse kyerɛɛ Yudafo sɛ Yesu ne Kristo no.

[6] Na wotuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ankasa mo atifi; me de, me ho afi. Efi nnɛ merekɔ amanaman no mu.

[7] Ɛnna ofii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn.

[8] Na hyiadan mu panyin Krispo ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii, na Korintofo mu bebree a wɔtee no nso gye dii na wɔbɔɔ wɔn asu.

[9] Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano!

[10] Efisɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu.

[11] Na ɔtenaa hɔ afe ne asram asia kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.

[12] Na Galio di Akaia amrado no, Yudafo no de anokoro sɔre hyɛɛ Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnni agua anim

[13] kae sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Nyankopɔn.

[14] Na Paulo yɛe sɛ ɔrebebue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: Yudafo, sɛ ɛyɛ ade a ɛnteɛ anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ mitie mo;

[15] na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi de a, ɛnne mo ara monhwɛ! Na me de, merenyɛ saa nsɛm yi temmufo.

[16] Na ɔpam wɔn fii asɛnnii hɔ.

[17] Na Helafo no nyinaa faa hyiadan mu panyin Sostene hwee no asɛnnii hɔ, nanso Galio ammu eyinom biara.

[18] Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛe kakra ara yiye no, ɔkraa anuanom no, na ofii hɔ faa nsu ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na oyii ne ti wɔ Kenkrea; efisɛ na wadi nsew.

[19] Na wɔbaa Efeso, na ogyaw wɔn hɔ; na ɔno ankasa de, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafo kɔyɛɛ nhwehwɛ mu dennennen.

[20] Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra no, wampene.

[21] Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba mo nkyɛn bio. Na ofii Efeso sii nsu ani.

[22] Na osii fam Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no, na ɔsan kɔɔ Antiokia.

[23] Na ɔkyɛɛ hɔ kakra no, ofii hɔ kokyinii Galatia ne Frigia nkurow nyinaa mu hyɛɛ asuafo no nyinaa den.

[24] Na Yudani bi a ne din de Apolo a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano atew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu, baa Efeso.

[25] Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan so; na ɔyɛ hyew Honhom mu nti, ɔkasa na ɔkyerɛkyerɛ Yesu ho nsɛm yiye, nso Yohane asubɔ nkutoo na onim.

[26] Ofii ase de nnam kasae hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila tee no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.

[27] Na ɔpɛe sɛ ɔbɛsen kɔ Akaia, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔkyerɛw kotuu asuafo no fo sɛ wonnye no. Na oduu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii.

[28] Na ɔde n’asɛm kaa Yudafo no gui wɔ baguam, nam kyerɛw nsɛm so kyerɛe pefee sɛ Yesu ne Kristo no.

Asomafo No Nnwuma — Chapters