Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:09

[1] Na ɛbae sɛ bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so na obeduu Efeso; na ɔbɛtoo asuafo bi no,

[2] obisaa wɔn sɛ: Mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn po sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

[3] Na obisaa wɔn sɛ: Ɛdɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛe? Na wose: Yohane asubɔ mu.

[4] Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakra asu mmom ka kyerɛɛ ɔman no sɛ wonnye nea odi n’akyi reba a ɔne Yesu no nni.

[5] Na wɔtee no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.

[6] Na Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔde tɛkrɛma horow kasae, na wɔhyɛɛ nkɔm.

[7] Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dumien.

[8] Na ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔde akokoduru kaa asɛm no, asram abiɛsa na ɔkasae, na ɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm.

[9] Nanso ebinom koma yɛ den, na wontie, na wɔkasa ɔkwan no ho bɔne nnipakuw no anim nti, ogyaw wɔn hɔ yii asuafo no fii wɔn mu, na ɔkasae obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

[10] Na saa ade yi kɔɔ so mfirihyia abien, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafo ne Helafo, tee Awurade asɛm.

[11] Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenne a wɔnka,

[12] na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.

[13] Ɛnna Yudafo bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

[14] Yudani sɔfo panyin Skewa mma baasɔn bi na ɛyɛɛ saa.

[15] Na honhommɔne no buae sɛ: Minim Yesu, na minim Paulo, na mone henanom?

[16] Na onipa a honhommɔne no wɔ no mu no tow hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagyaw ne opira guanguan fii ofi no mu.

[17] Na Yudafo ne Helafo a wɔte Efeso nyinaa tee no, ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.

[18] Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm.

[19] Na wɔn a na wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.

[20] Sɛnea Awurade asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.

[21] Na wowiee eyinom no, Paulo bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ose: Midu hɔ a, akyiri yi etwa sɛ mikohu Roma nso.

[22] Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa de, ɔkyɛe Asia kakra.

[23] Ɛbere no ara mu sakasaka a ɛbae ɔkwan kuw no ho nyɛ adewa.

[24] Ɛne sɛ dwetɛdwumfo bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛso ma adwumfo nya mfaso kɛse

[25] boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bi no ano kae sɛ: Awuranom, munim sɛ adwinni yi mu na yenya yɛn ho.

[26] Na muhu, na mote ase sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛkame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfo bebree aso adan wɔn ani ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

[27] Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛe, na mmom ɔbosombea kɛse Artemi asɔrefi rekɔyɛ sɛ wommu no hwee bio, na n’anuonyam kɛse a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.

[28] Wɔtee no, wɔn bo fuwii pa ara, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!

[29] Na kurow no ani danee, na wɔbɔɔ twi de mmirika kɔɔ ahwɛe kɔkyeree Makedoniafo Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.

[30] Paulo pɛe sɛ anka ɔkɔhyɛn nkurɔfokuw no mu, nanso asuafo no amma no kwan.

[31] Na Asia mpanyimfo bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛe hɔ.

[32] Afei na ebinom teɛm sɛɛ, na afoforo nso teɛm sɛɛ, efisɛ gua no ayɛ sakasaka, na ɔfa kɛse no ara nnim dekode a enti wobehyiae.

[33] Afei nnipa bi pempem Aleksanda sɛ ɔnkasa, efisɛ ɔno na Yudafo no de no adi wɔn anim. Na Aleksanda nyamaa nkurɔfokuw no pɛe sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfo no.

[34] Nanso wohui sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne koro teɛɛm bɛyɛ nnɔnhwerew abien sɛ: Efesofo Artemi yɛ ɔkɛse!

[35] Na ɔkyerɛwfo no pataa nkurɔfokuw no sɛ: Efesofo, onipa bɛn po na onnim sɛ Efeso kurow yɛ Artemi kɛse asɔrefi ne ohoni a efi Seus so bedurui no so hwɛfo?

[36] Na obiara nnye eyi ho akyinnye nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuw nnyɛ biribi.

[37] Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefi ho fi na wɔnkaa mo bosombea ho abususɛm.

[38] Enti sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnnii ne amradofo wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro.

[39] 17 Na sɛ mohwehwɛ nsɛm foforo ho biribi a, wobedi no baguam sɛnea mmara te.

[40] Na anhwɛ a, yebenya nnɛ sakasakayɛ yi ho amane, efisɛ sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yenni asɛm biara a yɛde betumi akyerɛ gyegyeegye yi ase.

[41] Na ɔkaa saa no, ɔmaa gua no tui.

Asomafo No Nnwuma — Chapters