[1] Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifo ne akyerɛkyerɛfo bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetew no ne ɔmansinhene Herode bom, ne Saulo.
[2] Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kae sɛ: Munyi Barnaba ne Saulo mma me nkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.
[3] Ɛnna wodii mmuada na wɔbɔɔ mpae na wɔde wɔn nsa guu wɔn so no, wogyaa wɔn kwan.
[4] Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wosiim kɔɔ Seleukia, na wofi hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.
[5] Na woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm Yudafo hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.
[6] Na wotwaam supɔw no so koduu Pafo no, wohuu osumantuni atoro diyifo bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.
[7] Ɔno na na ɔka amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie.
[8] Na osumantuni Elima no (nso sɛnea ne din nkyerɛase te ara ne no) siw wɔn kwan, na ɔhwehwɛe sɛ ɔdan amrado no fi gyidi no ho.
[9] Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn
[10] kae sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusu nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, trenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛteɛ no kɔntɔn anaa?
[11] Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum beduruu no so ma okyini hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.
[12] Na bere a amrado no huu nea asi no, ogye dii, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiriw.
[13] Na Paulo ne ne mfɛfo tu fii Pafo no, wɔbaa Perga a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho fii wɔn ho san kɔɔ Yerusalem.
[14] Na wɔn de, wofii Perga no, wotwaam baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.
[15] Na wowiee mmara ne adiyifo no kenkan no, hyiadan no mu mpanyimfo soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!
[16] Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamae sɛ: Israel mmarima ne mo a musuro Onyankopɔn, muntie!
[17] Israel man yi Nyankopɔn na ɔpaw yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔho no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama so yii wɔn fii hɔ.
[18] Na ɛbɛyɛ sɛ mfirihyia aduanan na okura wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ dennan wɔn, sare so.
[19] Na ɔsɛee aman ason Kanaan asase so no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.
[20] Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ mfirihyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufo de besii Odiyifo Samuel so.
[21] Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan.
[22] Na otuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na odii no adanse sɛ: Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.
[23] Oyi asefo mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa.
[24] Nso Yohane kaa adwensakra asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.
[25] Na Yohane reyɛ awie ne dwumadi no, ɔkae sɛ: Mususuw sɛ mene hena? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyi reba a mensɛ sɛ mesan ne nan ase mpaboa.
[26] Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.
[27] Na esiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim no ne adiyifo nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wobuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.
[28] Na wɔanhu ade biara a ɛfata owu wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wonkum no.
[29] Na wowiee nea wɔakyerɛw ne ho nyinaa no, woyii no fii dua no ho de no kɔtoo ɔda mu.
[30] Na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu,
[31] na nna bebree, oyii ne ho kyerɛɛ wɔn a wɔne no fi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefo ma ɔman no.
[32] Na yɛn de, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa,
[33] sɛ Onyankopɔn ama aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyan Yesu, sɛnea wɔakyerɛw dwom a ɛto so abien no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo wo.
[34] Na sɛ onyan no fii awufo mu, na ɔrensan nkɔ porɔw mu bio no, ɔkaa no sɛɛ sɛ: Mede Dawid adonne a esi hɔ pintinn no bɛma mo.
[35] Enti nso ɔkae dwom foforo mu sɛ: Woremma wo kronkronni no nhu porɔw.
[36] Na Dawid de, ɔsomee n’ankasa ne bere so sɛnea Onyankopɔn pɛ wiei no, ɔdae, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ohuu porɔw;
[37] nanso nea Onyankopɔn nyan no no anhu porɔw.
[38] Enti, anuanom, munhu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔnefakyɛ kyerɛ mo;
[39] na nneɛma a muntumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ogye di no di ho bem.
[40] Enti monhwɛ yiye, na asɛm a wɔaka no adiyifo mu no amma mo so sɛ:
[41] Monhwɛ, mo fɛwdifo, na ɛnyɛ mo nwonwa na monyera; efisɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo bere so, adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni.
[42] Na wofi hyiadan mu hɔ fii adi no, wɔsrɛe sɛ homeda foforo wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.
[43] Na wɔn a wɔahyiam no paepaeem no, Yudafo ne wɔn a adan Yudafo nyamesurofo no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Onyankopɔn dom no mu.
[44] Na homeda foforo dui no, ɛkaa kakraa bi na anka kurow mu no nyinaa behyiae sɛ wobetie Onyankopɔn asɛm.
[45] Na Yudafo no huu nkurɔfo akuwakuw no, anibere nti wɔkasakasa tiaa nea Paulo reka no gyee no akyinnye, na wɔkaa abususɛm.
[46] Na Paulo ne Barnaba de akokoduru kae sɛ: Ehia sɛ anka wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan; na esiane sɛ musum kyene na mubu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdan kɔ amanaman no nkyɛn.
[47] Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagye akodu asase ano.
[48] Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.
[49] Na Awurade asɛm no trɛwee asase no nyinaa so.
[50] Na Yudafo no hwanyan mmea nyamesurofo a wɔwɔ din ne kurow no mu atitiriw, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpam wɔn fii wɔn asase so.
[51] Ɛnna wɔporoporow wɔn anan ase tutuw guu wɔn so, na wɔbaa Ikonium.
[52] Na asuafo no de, anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.