Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:42

[1] Na asomafo ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no.

[2] Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafo no ne no gyee akyinnye

[3] sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafo mu, na wo ne wɔn akodidi yi?

[4] Na Petro fii ase bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmiako mmiako sɛ:

[5] Mewɔ Yopa kurow mu merebɔ mpae, na m'ani wiaa me ma mekɔɔ tebea foforo mu, na anisoadehu mu no, mihuu biribi a ɛresian sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan, na wogyaa mu fi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

[6] Na migyen m’ani mehwɛɛ mu no, mihuu asase so ntɔteboa ne anworanworammoa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa wɔ mu.

[7] Na metee sɛ ɛnne bi se: Petro, sɔre kum di!

[8] Na mise: Dabida, Awurade, efisɛ biribiara a wokyi anaasɛ ɛho ntew nkɔɔ m’anom da.

[9] Na ɛnne no fi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade.

[10] Eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ ɔsoro bio.

[11] Na hwɛ, amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn fi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina ofi a mewɔ mu no ano.

[12] Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na minnnye hwee ho akyinnye. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fi.

[13] Na ɔkaa yɛn sɛnea ohuu ɔbɔfo sɛ ogyina ne fi hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro.

[14] Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fi nyinaa nam so benya nkwagye akyerɛ wo.

[15] Na mifii ase sɛ merekasa no, Honhom Kronkron beguu wɔn so sɛnea mfiase no, ebeguu yɛn so no ara.

[16] Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no.

[17] Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛde koro no ara sɛ yɛn nso a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no a, mene hena a metumi masiw Onyankopɔn kwan?

[18] Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.

[19] Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔhwetee no kyinii koduu Foenike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.

[20] Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofo ne Kirenefo baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafo no.

[21] Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.

[22] Na wɔn ho asɛm yi duu asafo a ɛwɔ Yerusalem no asom, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkodu Antiokia.

[23] Na ɔbae na obehuu Onyankopɔn adom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wonsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.

[24] Na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidi ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho.

[25] Na ofi hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;

[26] na ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirihyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan too asuafo no din Kristofo.

[27] Na nna no mu no, adiyifo bi fi Yerusalem baa Antiokia.

[28] Na wɔn mu biako a ne din de Agabo sɔre nam Honhom so kyerɛe sɛ ɔkɔm kɛse rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio bere so no.

[29] Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn.

[30] Wɔyɛɛ sa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa mpanyimfo no.

Asomafo No Nnwuma — Chapters