Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:43

[1] Na ɔsɔfo panyin no bisae sɛ: Nsɛm yi te saa anaa? Na Stefano buae sɛ:

[2] Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtena Haran,

[3] na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi w’asase so ne w’abusua mu, na bra asase a mɛkyerɛ wo no so!

[4] Ɛnna ofii Kaldeafo asase so bɛtenaa Haran; na n’agya wu akyi no, ɔma ofii hɔ bɛtenaa asase yi a mote so nnɛ yi so.

[5] Na wamma no agyapade wɔ mu, wamma no ɔnammɔn biako mpo; na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔde bɛma ɔno ne n’asefo a wodi n’akyi sɛ wɔmfa nyɛ wɔn de, nanso na onnya nnyaa ɔba.

[6] Na nea Onyankopɔn kae ne sɛ: N’asefo bɛyɛ ahɔho ananafo asase so, na wɔde wɔn ayɛ nkoa, na wɔayɛ wɔn bɔne mfirihyia ahannan.

[7] Na ɔman a wɔbɛsom wɔn sɛ nkoa no na Onyankopɔn kae wɔn ho sɛ: Mebu wɔn ntɛn, na ɛno akyi no, wɔafi hɔ abɛsom me wɔ ha.

[8] Na ɔne no yɛɛ twetiatwa apam. Na ɔde saa woo Isak, na ne nnawɔtwe so no, otwaa no twetia, na Isak woo Yakob, na Yakob woo agyanom mpanyin dumien no.

[9] Na agyanom mpanyin dumien no de nitan tɔn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.

[10] Na oyii no fii n’amanehunu nyinaa mu, na ɔmaa no adom ne nyansa Misraim hene Farao anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fi nyinaa so amrado.

[11] Na ɔkɔm baa Misraim ne Kanaan asase nyinaa so, ɛne ahohia kɛse nso, na yɛn agyanom nnya aduan.

[12] Na Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa yɛn agyanom kan.

[13] Na nea ɛto so abien no, Yosef yii ne ho kyerɛɛ ne nuanom, na Farao nso huu Yosef abusuafo.

[14] Na Yosef soma kohyiaa n’agya Yakob ne n’abusua nyinaa a wosi nnipa aduɔsɔn anum no bae.

[15] Na Yakob kɔɔ Misraim, na ɔno ne yɛn agyanom wuwui,

[16] na wɔde wɔn baa Sekem bɛtotoo ɔda a Abraham de sika tɔ fii Hamor mma nkyɛn wɔ Sekem no mu.

[17] Na bɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no bere redu no, ɔman no dɔe, na wɔyɛɛ bebree Misraim

[18] kosii sɛ ɔhene foforo bi a onnim Yosef sɔree.

[19] Ɔno na ɔde anitew hyɛɛ yɛn nkurɔfo so, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔma wɔtotow wɔn mma nkokoaa gui, na amma wɔannya nkwa.

[20] Ɛbere no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no asram abiɛsa n’agya ofi.

[21] Na wɔtow no kyenee no, Farao babea kɔfaa no, na ɔtetew no de no yɛɛ ne ba.

[22] Na wɔkyerɛɛ Mose Misraimfo nyansa nyinaa, na ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.

[23] Na odii mfirihyia aduanan no, ɛbaa ne komam sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ ne nuanom Israel mma no.

[24] Na ohuu obi a wɔreyɛ no bɔne no, ogyee ne ti, na ɔtɔɔ nea wɔrehyɛ no so no, so were kum Misraimni no.

[25] Na osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn; nanso wɔanhu.

[26] Na ade kyee no, ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔreko. Ɛnna ɔpataa wɔn kae sɛ: Mmarima, moyɛ anuanom; adɛn nti na moyɛ mo ho bɔne?

[27] Na nea ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no sum no kae sɛ: Hena na ɔde wo sii yɛn so panyin ne temmufo?

[28] Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?

[29] Na asɛm yi nti Mose guanee na ɔkɔyɛɛ ɔhɔho Midian asase so, na ɔwoo mmabanin baanu wɔ hɔ.

[30] Na mfirihyia aduanan dui no, Awurade bɔfo yii ne ho kyerɛɛ no wɔ sare so Sinai bepɔw ho, wɔ wura bi gyaframa mu.

[31] Na Mose hui no, anisoade no yɛɛ no nwonwa; na otwiw bɛnee sɛ ɔkɔhwɛ no, Awurade nne bae sɛ:

[32] Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn. Na Mose ho popoe, na wansi ne bo ankɔhwɛ.

[33] Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Yi w’anan mpaboa; na nea wugyina ha yi yɛ asase kronkron.

[34] Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na mate n’apinisi, na masian sɛ mibegye wɔn; na afei bra na mensoma wo, na kɔ Misraim!

[35] Mose yi ara a wɔpaa no sɛ: Hena na ɔde wo sii ɔpanyin ne ɔtemmufo no, ɔno ara na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho kyerɛɛ no wɔ wura no mu no nsa so somaa no sɛ ɔpanyin ne ogyefo.

[36] Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan.

[37] Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.

[38] Oyi ne nea ɔne ɔbɔfo no wɔ asafo no mu sare so hɔ a ɔbɔfo no ne no ne yɛn agyanom kasae Sinai bepɔw so, na ogyee nkwa nsɛm no de brɛɛ yɛn no.

[39] Na yɛn agyanom nso ampɛ sɛ wotie no, na wosum no kyenee, na wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim,

[40] na wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: Yɛ anyame a wobedi yɛn anim ma yɛn! Na Mose a ɔde yɛn fi Misraim bae yi de, yennim nea ayɛ no.

[41] Ɛnna wɔyɛɛ nantwi ba, nna no mu, na wɔbɔɔ afɔre maa ohoni no, na wɔn ani gyee wɔn nsa ano adwuma ho.

[42] Na Onyankopɔn yii n’ani, na ɔde wɔn mae sɛ wɔnsom ɔsoro asafo, sɛnea wɔakyerɛw adiyifo nhoma no mu sɛ: Israel fifo, so mode mmoa ne nnuan bɔɔ afɔre maa me mfirihyia aduanan sare so anaa?

[43] Mmom mofaa Molok ntamadan ne onyame Romfa nsoromma, ahoni a moyɛe sɛ mobɛsom wɔn; na mɛsoa mo makɔ Babel akyi noho.

[44] Yɛn agyanom nyaa adanse ntamadan no wɔ sare so, sɛnea nea ɔkasa kyerɛɛ Mose no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnea ade a ohui no te no.

[45] Yɛn agyanom nsa kaa saa ntamadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pam wɔn fii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de besii Dawid bere so.

[46] Ɔno na onyaa Onyankopɔn anim adom, na ɔsrɛe sɛ wɔmma onsi ofi mma Yakob Nyankopɔn.

[47] Nanso Salomo na osii ofi no maa no.

[48] Nanso nea ɔwɔ sorosoro no nte nea wɔde nsa ayeyɛ mu, sɛnea odiyifo no ka sɛ:

[49] Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahengua, na asase yɛ m’anan ntiaso; ɔdan bɛn na mubesi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?

[50] Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa?

[51] Mo a mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asi; sɛnea mo agyanom yɛe no, saa ara na moyɛ.

[52] Adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa Ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no,

[53] mo a munyaa mmara no sɛnea abɔfo hyɛe no, nanso moanni so.

[54] Na wɔtee eyinom no, wɔn ani beree, na wɔtwɛree wɔn se guu no so.

[55] Nanso ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa,

[56] na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa.

[57] Na wɔde nne kɛse teɛɛm, na wosisiw wɔn aso, na wɔbɔɔ kirididi kɔtow hyɛɛ no so,

[58] na wosunsum no fii kurow no mu kosiw no abo. Na adansefo no de wɔn ntama guguu aberante bi a wɔfrɛ no Saulo anan ase.

[59] Na wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!

[60] Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no ɔkaa n'ani guu so.

Asomafo No Nnwuma — Chapters