[1] Na Paulo koduu Derbe ne Listra. Na hwɛ, baabi a osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani bea bi a ogyidini ba, na n’agya yɛ Helani.
[2] Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.
[3] Ɔno na Paulo pɛe sɛ ɔne no kɔ, na Yudafo a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani.
[4] Na wɔretwam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn.
[5] Ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.
[6] Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, efisɛ Honhom Kronkron siw wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.
[7] Na woduu Misia ntentenso no, wɔpɛe sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan.
[8] Enti wotwaa Misia ho baa Troa.
[9] Na anadwo no, Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twam bra Makedonia bɛboa yɛn!
[10] Na ohuu anisoade no ara pɛ na yɛpɛe sɛ yɛkɔ Makedonia, efisɛ ɛyɛɛ yɛn ampa sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
[11] Ɛnna yesii hyɛn mu tu fii Troa de mmirikatene baa Samotrake. Na ade kyee no, yɛbaa Neapoli.
[12] Na yefi hɔ kɔɔ Filipi a ɛne Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw mu. Na yedii kurow yi mu nna kakra.
[13] Na homeda dui no, yefii kurow no mu kɔɔ asu bi ho baabi a yesusuwii sɛ wɔbɔ mpae hɔ. Na yɛtenaa ase no, yɛkasa kyerɛɛ mmea a wɔabehyia hɔ no.
[14] Na ɔbea bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ɔtankɔkɔɔ a ofi Tiatira kurow mu a ɔfɛre Nyankopɔn tee; na Awurade buee ne komam sɛ ontie nea Paulo ka no.
[15] Na wɔbɔɔ ɔne ne fifo asu no, ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu me sɛ migye Awurade midi nokwarem a, mommra mmɛtena me fi; na ɔsrɛɛ yɛn ara na yɛne no kɔe.
[16] Na ɛbae sɛ yɛrekɔ asɔre no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom anya wɔn ho sɛ.
[17] Ɔno na odii Paulo ne yɛn akyi teɛɛm sɛ: Nnipa yi ne Nyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagye kwan.
[18] Na ɔyɛɛ eyi nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahometew, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Fi adi fi ne mu! Na dɔn no ara mu ofii adi.
[19] Na ne wuranom hui sɛ wɔn mfaso abɔ wɔn no, wosusoo Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ gua so mpanyimfo anim.
[20] Na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafo a wɔretane yɛn kurow yi ani,
[21] na wɔkyerɛ amanne bi a yenni ho kwan sɛ yegye anaasɛ yɛyɛ, efisɛ yɛyɛ Romafo.
[22] Na nkurɔfokuw no nso sɔre hyɛɛ wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntade hyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.
[23] Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn koguu afiase hyɛɛ afiasehwɛfo no sɛ ɔmfa wɔn nsie yiye.
[24] Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn koguu afiase a ɛwɔ mfinimfini no mu, na ɔde wɔn anan bobɔɔ dua mu.
[25] Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei.
[26] Na mpofirim ara asasewosow kɛse maa afiase no nnyinaso wosowee, na amonom hɔ ara apon no nyinaa buebuei, na wɔn nyinaa ahama sansanee.
[27] Na afiasehwɛfo no fi nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebekum ne ho, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan.
[28] Na Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.
[29] Na obisaa ɔkanea de mmirika bae, na ɔde ahopopo bɛhwee Paulo ne Silas anim,
[30] na ɔde wɔn fii adi no, ɔkae sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?
[31] Na wose: Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa.
[32] Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fi nyinaa.
[33] Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuru no so, na ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara.
[34] Na ɔde wɔn baa ne fi, tow wɔn pon, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adi nti, ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn.
[35] Na ade kyee no, asafohene no somaa asraafo bae sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ.
[36] Na afiasehwɛfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wonnyaa mo mma monkɔ; enti afei mumfi adi nkɔ dwoodwoo.
[37] Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn ntɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafo wɔ abɔnten so, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wɔpam yɛn kodɛɛ anaa? Dabida, na ma wɔn ankasa mmeyi yɛn.
[38] Na asraafo no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafo no, wosuroe.
[39] Na wɔbae bɛmaa wɔn dibem, na woyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu.
[40] Na wofii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Na wohuu anuanom no, wɔkyekyee wɔn werɛ, na wofii hɔ kɔe.