Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:45

[1] Saa bere yi ara na ɔhene Herode teɛɛ ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayade.

[2] Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo.

[3] Na ohui sɛ ɛsɔɔ Yudafo ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna;

[4] na ɔkyeree no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafo baanan a wɔwɛn bom saa ahorow anan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyi no, oyi no kɔkyerɛ ɔman no.

[5] Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ de, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpae maa no.

[6] Anadwo no ara a Herode rebeyi no akɔ no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agu no, na awɛmfo a wogyinagyina ɔpon ano no rewɛn afiase hɔ anibere so.

[7] Na hwɛ, Awurade bɔfo begyinaa ne nkyɛn, na ɔdan no mu hɔ haranee; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyan no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no fii ne nsa gui.

[8] Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w'abɔso na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ sa. Na osee no sɛ: Fura wo ntama na di m’akyi!

[9] Na ofii adi dii n’akyi; na onnim sɛ nea ɔbɔfo no yɛe no yɛ ampa, efisɛ osusuwii sɛ ɔrehu n’ani so ade.

[10] Na wotwaa awɛmfo a wodi kan ne wɔn a wɔto so abien ho no, woduu dade pon a ɛde kɔ kurow no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wofii adi twaam borɔn biako so, na ntɛm ara na ɔbɔfo no gyaw no hɔ.

[11] Na Petro ani baa ne ho so no, ɔkae sɛ: Afei na mahu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfo abeyi me afi Herode nsam ne nea Yudafo retwɛn nyinaa mu.

[12] Na osusuw ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fi; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ho ano rebɔ mpae.

[13] Na ɔrebɔ abobow ano pon akyi no, abaawa bi a ne din de Rode ba betiei.

[14] Na ɔtee Petro nne no, anigye nti wammue ɔpon no, na otutuu mmirika kɔkae sɛ Petro gyina ɔpon no akyi.

[15] Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kae sɛ ɛte sa. Na wɔkae sɛ: Ɛyɛ ne bɔfo!

[16] Na Petro da so bɔ pon no akyi ara; na wobuei no, wohuu no, na wɔn ho dwiriw wɔn.

[17] Na ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wommua wɔn ano, na ɔkae sɛnea Awurade yii no fii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ose: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakob ne anuanom no. Na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo.

[18] Na ade kyee no, ahoyeraw a ɛbaa asraafo no mu nyɛ adewa sɛ dɛn ara na ayɛ Petro.

[19] Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, obisaa awɛmfo no nea ɛyɛe, na ɔhyɛe sɛ wonkokum wɔn. Na osian fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

[20] Afei Herode faa Tirofo ne Sidonfo ho abufuw; enti wɔyɛɛ nokoro baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ ɔmannwoe mma wɔn, efisɛ ɔhene no asase so na wonya nnuan.

[21] Na da a wɔhyɛe dui no, Herode hyɛɛ n’ahentade, na ɔtenaa asenni agua so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

[22] Na ɔman no bɔɔ ose sɛ: Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa nne.

[23] Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfo bɛbɔɔ no, efisɛ wamfa anuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔɔ mmoaa, na owui.

[24] Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛwee.

[25] Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wofii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.

Asomafo No Nnwuma — Chapters