[1] Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.
[2] Nso nnipa nyamesurofo bi siee Stefano, na wosuu no pii.
[3] Na Saulo de, ɔhaw asafo no hyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.
[4] Ɛnna wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.
[5] Na Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.
[6] Na nkurɔfo akuwakuw no tee na wohuu nsɛnkyerɛnne a Filipo yɛe no, wɔde koma koro yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkae no.
[7] Na ahonhom fi a ɛwɔ nnipa bebree mu de nne kɛse teɛɛm fii adi, na mmubuafo ne mpakye pii ho sanee.
[8] Na anigye kɛse baa kurow no mu.
[9] Na ɔbarima bi a ɔde Simon wɔ kurow no mu a kan no oyi nkonyaa, na ɔyɛ ne ho sɛ obi a ɔyɛ kɛse ma Samaria man no ho dwiriw wɔn.
[10] Ɔno na wɔn nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, tie no ka sɛ: Oyi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Kɛse no.
[11] Na wotiee no, efisɛ ɔde nkonyaayi no maa wɔn ho dwiriw wɔn akyɛ.
[12] Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.
[13] Na Simon ankasa nso gye dii, na wɔbɔɔ no asu no, ɔde ne ho bataa Filipo ho; na ohuu nsɛnkyerɛnne ne ahoɔdenne akɛse a ɔyɛe no, ne ho dwiriw no.
[14] Na asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.
[15] Na wɔbae no, wɔbɔɔ mpae maa wɔn sɛ wonnya Honhom Kronkron;
[16] efisɛ na ɔmmaa wɔn mu biara so, na asu nko na wɔabɔ wɔn akɔ Awurade Yesu din mu.
[17] Ɛnna wɔde wɔn nsa guu wɔn so, na wonyaa Honhom Kronkron.
[18] Na Simon hui sɛ ɛnam asomafo no nsa a wɔde gu obi so no so na wɔde Honhom no ma no, ɔde sika brɛɛ wɔn kae sɛ:
[19] Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya Honhom Kronkron.
[20] Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde.
[21] Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim.
[22] Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene no bɛkyɛ wo.
[23] Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo.
[24] Na Simon buae sɛ: Monsrɛ Awurade mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so.
[25] Na wɔn de, wodii adanse na wɔkaa Awurade asɛm no no, wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wɔkaa asɛmpa no wɔ Samariafo nkuraa bebree ase.
[26] Na Awurade bɔfo kasa kyerɛɛ Filipo sɛ: Sɔre kɔ anafo fam ɔkwan a esian fi Yerusalem kɔ Gasa no so! Ɛyɛ anwea pradada so kwan.
[27] Na ɔsɔre kɔe. Na hwɛ, Etiopiani barima bi a ɔyɛ Etiopiafo hemmaa Kandake piani tumfo a wasa no a ɔhwɛ ne sika nyinaa so ni; waba Yerusalem abɛsɔre,
[28] na ɔresan akɔ, na ɔte ne teaseɛnam mu rekan odiyifo Yesaia nhoma.
[29] Na Honhom no ka kyerɛɛ Filipo sɛ: Twiw kɔ teaseɛnam yi ho!
[30] Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa no sɛ: So wote nea wokan yi ase anaa?
[31] Na ose: Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me? Na ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn.
[32] Nso kyerɛw no mu asɛm a ɔrekenkan no ni: Wɔde no kɔe sɛ oguanten a wɔrekokum no, na sɛ oguammaa tɔ ne yifo anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no.
[33] N’ahobrɛase mu wobuu no ntɛnkyew. N’abusua nso hena na obetumi akyerɛ? Efisɛ woyii ne nkwa fii asase so.
[34] Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm?
[35] Na Filipo buee n’ano, na ogyinaa kyerɛwsɛm no ara so kaa no Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.
[36] Na wɔnam kwan so rekɔ no, wokoduu asu bi ho, na opiani no kae sɛ: Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?
[37] [Na Filipo se: Sɛ wode wo koma nyinaa gye di a, ɛwɔ ho kwan sa. Na obuae sɛ: Migye midi sɛ Yesu Kristo ne Nyankopɔn ba].
[38] Na ɔhyɛ maa teaseɛnam no gyinae, na wɔn baanu sian kɔɔ asu no mu, Filipo ne opiani no, na ɔbɔɔ no asu.
[39] Na wofi asu no mu reba no, Awurade honhom hwim Filipo, na opiani no anhu no bio; na ɔde anigye kɔɔ ne kwan.
[40] Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.