Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:33

[1] Na ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio; ɔyɛ asraafokuw a wɔfrɛ no Italia de no mu ha so panyin.

[2] Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa.

[3] Ɛbɛyɛ sɛ awia nnɔn abiɛsa no, ohuu anisoade pefee sɛ Onyankopɔn bɔfo baa ne nkyɛn besee no sɛ: Kornelio!

[4] Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.

[5] Na afei soma nnipa kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro.

[6] Ɔte Simon, nhomahyɛfo bi a ne fi wɔ mpoano no nkyɛn.

[7] Na ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ no no kɔe no, ɔfrɛɛ ne fie nnipa baanu ne ɔsraani nyamesuroni bi a ofi wɔn a wɔsom no daa no mu,

[8] na ɔkaa ne nyinaa kyerɛɛ wɔn no, ɔsomaa wɔn Yopa.

[9] Na ade kyee no, bɛyɛ sɛ owigyinae a wɔnam kwan so rebɛn kurow no no, Petro kɔɔ aban no atifi kɔbɔɔ mpae bɛyɛ awia dummien.

[10] Na ɔkɔm de no sɛ, na ɔpɛe sɛ ɔde biribi ka n’ano; na wɔresiesie aduan no, n'ani wiaa no ma ɔkɔɔ tebea foforo mu,

[11] na ohuu ɔsoro sɛ abue, na ade bi a ɛte sɛ nwera kɛse a wɔakyekyere no ahinanan resian aba no so, na wɔregyaa mu ato fam.

[12] Emu na asase so ntɔteboa ne wɔn a wɔwea ne wim ntakraboa nyinaa bi wɔ.

[13] Na ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Petro, sɔre kum di!

[14] Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.

[15] Na ɛnne no san baa ne nkyɛn ne mprenu so sɛ: Nea Onyankopɔn atew ho no, mmu no akyiwade!

[16] Na eyi yɛɛ mprɛnsa, na wɔfaa ade no kɔɔ ɔsoro bio.

[17] Na Petro regye ne mu akyinnye sɛ anisoade a ohui no ase ne dɛn no, hwɛ, na nnipa a Kornelio somaa wɔn no abisa Simon fi kwan gyinagyina abobow ano

[18] refrɛ, na wobisae sɛ: Simon a wɔfrɛ no Petro no te ha anaa?

[19] Na Petro redwen anisoade no ho no, Honhom no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, nnipa baasa hwehwɛ wo;

[20] na sɔre si fam, na wo ne wɔn nkɔ; nnye akyinnye, na me na mesomaa wɔn.

[21] Na Petro sian kɔɔ nnipa a Kornelio somaa wɔn baa ne nkyɛn no nkyɛn kae sɛ: Hwɛ, mene nea mohwehwɛ no no; adɛn nti na mobae?

[22] Na wobuae sɛ: Asraafo ha so panyin Kornelio, onipa trenee a osuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafo man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfo kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fi, na ontie w’anom nsɛm.

[23] Ɛnna ɔfrɛɛ wɔn baa ofie yɛɛ wɔn hɔho. Na ade kyee no, Petro ne wɔn fi kɔe, na anuanom a wɔwɔ Yopa no mu bi ne no kɔe.

[24] Na ade kyee no, woduu Kaesarea; na Kornelio afrɛfrɛ n’abusuafo ne ne nnamfo a wɔbɛn no ahyia retwɛn.

[25] Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no.

[26] Na Petro maa no so kae sɛ: Sɔre, na me nso meyɛ onipa.

[27] Na ɔne no redi nkɔmmɔ no, owuraa mu, na okohuu nnipa bebree a wɔahyia hɔ.

[28] Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn; na me de, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ memmfrɛ onipa bi sɛ ɔmfra anaasɛ ne ho ntew.

[29] Enti nso na mosoma bɛfrɛɛ me no, manyi ano na maba yi. Afei mibisa asɛm ko a enti mobɛfrɛɛ me.

[30] Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,

[31] na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim.

[32] Enti soma kɔ Yopa kohyia Simon a wɔfrɛ no Petro; ɔte nhomahyɛfo Simon fi mpoano.

[33] Enti ntɛm ara mesoma baa wo nkyɛn; na wo nso, woayɛ no yiye sɛ woaba. Na afei yɛn nyinaa ahyia Onyankopɔn anim sɛ yɛrebetie nea Onyankopɔn ahyɛ wo nyinaa.

[34] Na Petro buee n’ano kae sɛ: Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,

[35] na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.

[36] Sɛnea asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma bere a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoe ho asɛmpa no te no; ɔne nnipa nyinaa wura.

[37] Mo ara munim asɛm a asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no akyi, efii ase Galilea na ɛbaa Yudea nyinaa no,

[38] Yesu a ofi Nasaret: sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na okyinii yɛɛ yiye, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn so no yare, efisɛ Onyankopɔn ka ne ho.

[39] Na yɛne nneɛma a ɔyɛe Yudafo asase so ne Yerusalem nyinaa ho adansefo; ɔno nso na wɔsɛn no dua so kum no.

[40] Ɔno na Onyankopɔn nyan no da a ɛto so abiɛsa; na ɔma oyii ne ho pefee kyerɛe,

[41] ɛnyɛ ɔman no nyinaa, na mmom adansefo a Onyankopɔn ayi wɔn ato hɔ dedaw no, ɛne yɛn a ne sɔre a ɔsɔre fii awufo mu no akyi no, yɛne no didii na yɛnomee;

[42] na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse sɛ ɔno ne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ no.

[43] Ɔno na adiyifo nyinaa di ne ho adanse sɛ: Obiara a ogye no di no nam ne din so benya bɔne fakyɛ.

[44] Na Petro gu so reka nsɛm yi no, Honhom Kronkron beguu wɔn a wɔtee asɛm no nyinaa so.

[45] Na gyidifo a wofi twetiafo mu a wɔne Petro bae no ho dwiriw wɔn sɛ wɔahwie Honhom Kronkron akyɛde no agu amanaman mufo nso so;

[46] efisɛ wɔtee sɛ wɔde tɛkrɛma foforo rekasa, na woreyi Nyankopɔn ayɛ kɛse. Ɛnna Petro buae sɛ:

[47] So obi betumi asiw nsu ho kwan sɛ wɔmmmɔ eyinom a wɔanya Honhom Kronkron sɛ yɛn ara yi asu anaa?

[48] Na ɔhyɛe sɛ wɔmmɔ wɔn asu Awurade din mu. Ɛnna wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nnansa bi.

Asomafo No Nnwuma — Chapters