[1] Na ɛrekɔbɔ awia nnɔn abiɛsa a wɔbɔ mpae wom no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefi.
[2] Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafo fi ne na yam, a daa wɔde no bɛto asɔrefi pon a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefi no hɔ no mmɔborohunu ade;
[3] na ohuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefi hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborohunu ade.
[4] Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kae sɛ: Hwɛ yɛn!
[5] Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuwii sɛ ɔrebenya wɔn hɔ biribi.
[6] Na Petro kae sɛ: Dwetɛ ne sika de minni bi, na nea mewɔ na mede merema wo yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nantew!
[7] Na osoo ne nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne ne mpow mu yɛɛ den.
[8] Na ohuruw gyinae, na ɔnantewee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefi hɔ a ɔnam, ohuruhuruw, na oyi Nyankopɔn ayɛ.
[9] Na ɔman no nyinaa huu no sɛ ɔnam na ɔreyi Nyankopɔn ayɛ;
[10] na wonim sɛ ɔne nea adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefi pon Fɛfɛ no ano no, na nea ayɛ no no yɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw koraa.
[11] Bere a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika behyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Solomon de no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa.
[12] Na Petro hui no, osee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwonwa, anaasɛ dɛn na mohwɛ yɛn haa te sɛnea yɛn ankasa tumi anaa ɔsom pa na yɛde ma ɔnantewee yi?
[13] Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’abofra Yesu anuonyam. Ɔno na muyii no mae na mopaa no wɔ Pilato a obuu ntɛn sɛ obegyaa no anim no.
[14] Na mopaa Ɔkronkronni ne Ɔtreneeni no, na mosrɛe sɛ wɔmfa owudifo nkyɛ mo.
[15] Na nkwa hene no de, mukum no. Ɔno na Onyankopɔn anyan no afi awufo mu; ɛho adansefo ne yɛn.
[16] Na ɛnam ne din mu gyidi so ne ne din so na ama oyi a muhu no na munim no yi ho ayɛ no den. Yiw, Yesu mu gyidi na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
[17] Na afei, anuanom, minim sɛ onim a munnim nti na moyɛe, sɛ mo mpanyimfo ara.
[18] Na Onyankopɔn ama nea ɔnam n’adiyifo nyinaa anom ka too hɔ sɛ Kristo no behu amane no aba mu saa.
[19] Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne,
[20] na ɛyɛ a, ahodwo nna afi Awurade anim aba, na wasoma nea wɔayi no asi hɔ ama mo dedaw, Yesu Kristo no
[21] a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kosi bere a wɔbɛhyɛ nneɛma a Onyankopɔn nam n’adiyifo kronkron anom fi teteete kae no nyinaa ananmu.
[22] Na Mose nso kae sɛ: Odiyifo a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no so ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na muntie nea ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa.
[23] Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifo no, wɔbɛsɛe no afi ne man mu.
[24] Na adiyifo nyinaa, a efi Samuel so ne wɔn a wodidi so no, dodow a wɔkasae, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm.
[25] Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.
[26] Mo na Onyankopɔn nyan n’akoa no, ɔsomaa no mo nkyɛn kan, sɛ ommehyira mo, sɛ ɔbɛdan mo nyinaa afi mo bɔne ho.