Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:26

[1] Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfo ne asɔrefi safohene ne Sadukifo baa wɔn so.

[2] Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufo mu sɔre wɔ Yesu din mu,

[3] na wɔkyeree wɔn de wɔn kosiei sɛ ade nkye; efisɛ na onwini adwo.

[4] Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye dii, na nnipa no dodow bɛyɛ sɛ mpemnum.

[5] Na ɛbae sɛ ade kyee no, wɔn atitiriw ne mpanyimfo ne kyerɛwfo behyiae Yerusalem,

[6] ɔsɔfo panyin Hana ne Kaiafa, Yohane, Aleksanda ne dodow a wofi ɔsɔfo panyin abusua mu no ka ho.

[7] Na wɔde wɔn begyinaa mfinimfini bisae sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ eyi?

[8] Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitiriw ne mpanyimfo!

[9] Sɛ nnɛ wobisa yɛn ɔyarefo yi yiyeyɛ ho asɛm sɛ dɛn na ama no adi mu a,

[10] mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi.

[11] Oyi ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.

[12] Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.

[13] Na wohuu Petro ne Yohane akokoduru, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛnantewee.

[14] Wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yare a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn.

[15] Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi guam hɔ mfi adi no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho

[16] sɛ: Dɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahu sɛnkyerɛnne a wɔnam wɔn so ayɛ; ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yentumi nsan.

[17] Na nea ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛw ɔman no mu ne sɛ: Ateɛteɛ na yɛbɛteɛteɛ wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio.

[18] Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa.

[19] Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: So ɛteɛ Onyankopɔn anim sɛ yetie mo sen Nyankopɔn a, mummu ntɛn!

[20] Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.

[21] Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.

[22] Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa sɛnkyerɛnne yi wɔ ne ho no adi boro mfirihyia aduanan.

[23] Na wogyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ankasa fekuw mu, na wɔbɛkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa.

[24] Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa,

[25] wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu?

[26] Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.

[27] Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,

[28] sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.

[29] Na afei de, Awurade, hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa akokoduru nyinaa nka w’asɛm,

[30] bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.

[31] Na wowiee mpaebɔ no, faako a wohyiae hɔ wosowee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm.

[32] Na wɔn mu bebree a wogye dii no koma ne wɔn kra yɛ biako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nneɛma a ɔwɔ yɛ n’ankasa dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafode.

[33] Na asomafo no de tumi kɛse dii Awurade Yesu wusɔre ho adanse, na adom kɛse wɔ wɔn nyinaa so.

[34] Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ nsaase anaa adan tontɔnee, na wɔde nea wɔtɔnee no ti ade bae

[35] de beguu asomafo no anan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛnea ehia no.

[36] Na Yosef a asomafo no too no Barnaba (a ne nkyerɛase ne afotu ba) a ɔyɛ Lewini, a ofi Kipro man mu no

[37] wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no bae beguu asomafo no anan ase.

Asomafo No Nnwuma — Chapters