Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:12

[1] Na nna no mu a asuafo no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenfo no mu tiaa Hebrifo no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no so.

[2] Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so.

[3] Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

[4] na yɛn de, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.

[5] Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.

[6] Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

[7] Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.

[8] Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu.

[9] Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,

[10] nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.

[11] Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛe ma wɔkae sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Nyankopɔn.

[12] Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu.

[13] Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.

[14] Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no.

[15] Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

Asomafo No Nnwuma — Chapters