[1] Na wosii gyinae sɛ yɛnkɔ Italia no, woyii Paulo ne apokyerɛfo bi maa asraafo ha so panyin bi a ne din de Yulio a ofi Augustan asraafo kuw mu.
[2] Na yɛkɔɔ Adramitio hyɛn bi a ɛrebɛkɔ Asia fam mu no, yetui, na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika ka yɛn ho.
[3] Na n’adekyee no, yekogyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔe maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn ma wɔnhwɛ no.
[4] Na yetu fii hɔnom no, yɛfaa Kipro ase ase, efisɛ mframa hyiaa yɛn.
[5] Na yɛfaa Kilikia ne Pamfilia po so no, yekogyinaa Likia kurow Mira ho.
[6] Ɛhɔ na asraafo ha so panyin no huu Aleksandria suhyɛn bi a ɛrekɔ Italia no, ɔde yɛn koguu mu.
[7] Na nnafua bebree na yɛnam brɛoo, na yɛbrɛe ansa na yɛrebɛn Knido, na mframa amma yɛn ho kwan nti, yɛfaa Krete ase ase twaa Salmone ho.
[8] Na yɛnam ano ano resan no, yɛbrɛɛ mu ansa na yɛredu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn-agyinaye a Lasea kurow bɛn ho.
[9] Na esiane sɛ na bere kɔ pii, na mmuadadi bere no atwam dedaw na, nsu ani fa ayɛ hu nti, Paulo tuu wɔn fo
[10] see wɔn sɛ: Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi.
[11] Nanso asraafo ha so panyin no gyee hyɛn kwankyerɛfo ne hyɛn wura no dii kyɛn nea Paulo kae no.
[12] Na esiane sɛ hyɛn gyinabea hɔ nna hɔ yiye sɛ wobedi awɔw bere hɔ nti, wɔn mu bebree kae sɛ wobetu afi hɔ nso akɔhwɛ sɛ wobetumi akodu Foenike a ɛyɛ Krete hyɛn gyinabea a ɛda kɔ atifi ne atɔe ntam, ɛne anafo ne atɔe ntam, na wɔakodi awɔw bere wɔ hɔ.
[13] Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete.
[14] Na ankyɛ, na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Atifi-apuei-mframa faa Krete so bɛbɔe;
[15] na ɛkyeree hyɛn no na entumi nhyia mframa no no, yɛma ɛtwee yɛn.
[16] Na yɛde mmirika kɔfaa supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ase no, yɛbɔɔ mmɔden ansa na yesusoo ɔkorow no mu.
[17] Na wɔmaa so no, wɔboa kyekyeree hyɛn no; na wosuroe sɛ ebia wɔbɛkɔ akɔhwe Anweatam no so nti, wohuan hyɛndua no, na ɛtwee wɔn saa.
[18] Na mframa no bɔe dennen de yɛn kyinkyinii, na ade kyee no, wɔtotow hyɛn no mu nneɛma bi gui.
[19] Na ne nnansa so no, wɔde wɔn ankasa nsa totow hyɛn no ho nneɛma no kyenee.
[20] Na nnafua bebree na owia anaa nsoromma mpuei, nso na mframa a ɛrebɔ yɛn nyɛ adewa, enti yɛn nkwagye ho anidaso nyinaa yerae.
[21] Na nna bebree twaam a yɛannidi no, Paulo sɔre gyinaa wɔn mfinimfini kae sɛ: Mmarima, ɛsɛ sɛ anka mutie me, na yɛamfi Krete ammehu amane ne adesɛe yi.
[22] Na afei mitu mo fo sɛ momma mo bo ntɔ mo yam, na mo mu biara kra renyera, gye hyɛn yi.
[23] Na anadwo yi, Onyankopɔn a meyɛ ne de na mesom no no bɔfo begyinaa me nkyɛn
[24] kae sɛ: Paulo, nsuro! Etwa sɛ wokogyinaa Kaesare anim; na hwɛ, Onyankopɔn de wɔn a wɔne wo nam no nyinaa akyɛ wo.
[25] Enti, mmarima, momma mo bo ntɔ mo yam, na migye Onyankopɔn midi sɛ ɛbɛyɛ sɛnea wɔaka akyerɛ me no;
[26] nanso etwa sɛ yekogu supɔw bi so.
[27] Na dadu nnanan dui na yɛredi akɔneaba Adria po so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔdasum na hyɛn no mu adwumayɛfo no hui sɛ wɔrebɛn asase bi.
[28] Na wɔtow susuhama, na wohui sɛ esi abasam aduonu; na wɔkɔɔ wɔn anim kakra no, wɔtowee bio, na wohuu no abasam dunum.
[29] Na wosuroe sɛ ebia yɛbɛkɔ akɔhwe abotan bi so nti, wɔtow asɛkyɛ anan fi hyɛn no to twɛn adekyee.
[30] Na esiane sɛ hyɛn mu adwumayɛfo no hwehwɛ aguan afi hyɛn no mu nti, wogyaa ɔkorow no mu too po mu yɛe sɛnea wɔrekɔtow sɛkyɛ afi hyɛn no ti nso no,
[31] Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa.
[32] Ɛnna asraafo no twaa ɔkorow no ntampehama no, na wɔma ɛkɔe.
[33] Na ade rebɛkye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wonnidi, na ɔkae sɛ: Dadu nnanan ni a moatena hɔ adi mmuada a momfaa biribi nkaa mo ano ɛ.
[34] Enti mesrɛ mo sɛ munnidi, na ɛno nso begye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi biako po rentɔ fam.
[35] Na ɔkaa saa na ɔfaa abodoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na obubui fii ase dii.
[36] Na wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam, na wɔn nso faa bi dii.
[37] (Na yɛn a yɛwɔ hyɛn no mu nyinaa si akra ahanu aduɔsɔn asia.)
[38] Na wodidi mee no, wɔtow aduan no guu po mu maa hyɛn no yɛɛ hare.
[39] Na ade kyee no, na wonnim asase no. Na wohuu dɔnnɔn bi a ɛho mpoano da hɔ; ɛno mu na wosusuwii sɛ wobetumi a, wɔbɛtwe hyɛn no akɔ.
[40] Na wotwaa asɛkyɛ no ahama mu gyaa mu guu po mu, na wɔsan akyerɛkyerɛkwan no ahama, na wosii suhyɛn no anim abrannaa maa mframa a ɛbɔe no pia kɔɔ mpoano.
[41] Na wɔkɔhwee baabi a ɛpo abu kɔntɔn no, wɔde suhyɛn no kɔtaae, na eti kotimii, na ɛkaa hɔ pintinn, na ɛto de, asorɔkye a ɛbɔ dennen no bubuu no.
[42] Na asraafo no tuu agyina sɛ wobekum nneduafo no, na obi anguare anguan.
[43] Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam.
[44] Na wɔn a aka no de, ebinom butubutuw ntaaboo so, na ebinom nso butubutuw suhyɛn nnua asinasin no bi so. Na sɛnea ɛyɛe na yɛn nyinaa nyaa nkwa sii fam ne no.