[1] Na gyegyeegye no gyaee no, Paulo frɛɛ asuafo no baa ne nkyɛn, na otuu wɔn fo kraa wɔn fii hɔ sɛ ɔrekɔ Makedonia.
[2] Na ɔkɔfaa hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.
[3] Na odii hɔ asram abiɛsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, Yudafo retɛw no nti, ɔpatuw san bɛfaa Makedonia.
[4] Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafo Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafo Tikiko ne Trofimo ka ne ho.
[5] Eyinom dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa.
[6] Na yɛn nso, Apiti nna twaam no, yefii Filipi faa nsu ani, na yɛde nnannum beduu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yedii nnansɔn.
[7] Na nnawɔtwe mu da a edi kan no a yehyiae sɛ yɛrebubu abodoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ ade kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kosii ɔdasum.
[8] Na akanea bebree wɔ abansoro no so faako a yɛahyiam hɔ.
[9] Na aberante bi a ne din de Eutiko te mfɛnsere ano ada hatee, na esiane sɛ Paulo kasa kyɛe nti, ɔtɔɔ nko fii abansoro a ɛto so abiɛsa no so hwee ase, na wɔmaa no so no, na wawu.
[10] Na Paulo sian kobutuw no so, na ɔyɛɛ no atuu kae sɛ: Monnhaw mo ho, na nkwa da so wɔ ne mu.
[11] Na ɔforo bae, na obubuu abodoo na odii no, ɔtoaa so kasae ara kosii adekyee, na ofii hɔ kɔe.
[12] Na wɔde abofra no bae anikan, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekye kɛse.
[13] Na yedii kan kɔɔ hyɛn mu faa nsu ani kɔɔ Aso sɛ yɛkɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛnea ɔhyehyɛe ne no, efisɛ ɔkae sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.
[14] Na ɔne yɛn hyiae Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.
[15] Na yetu fii hɔ, na ade kyee no, yebeduu Kio ntentenso; na n’adekyee bio no, yebeduu Samo; na n’adekyee no, yeduu Mileto.
[16] Na Paulo aka sɛ obetwa Efeso ho, na wankɔkyɛ Asia; efisɛ ɔpɛ ntɛm, na sɛ obetumi a, wɔakodu Yerusalem Pentekoste da.
[17] Na ofi Mileto soma kɔɔ Efeso kohyiaa asafo no mu mpanyimfo.
[18] Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenae bere no nyinaa mu,
[19] na mede ahobrɛase adwene nyinaa ne nusu pii ne sɔhwɛ a ɛbaa me so Yudafo pɔw bɔne a wɔbɔɔ me ho mu mesom Awurade.
[20] Na mansiw nea ɛyɛ mfaso mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo gua so ne afi mu,
[21] na midii Onyankopɔn fam adwensakra ne Awurade Yesu Kristo mu gyidi ho adanse mekyerɛɛ Yudafo ne Helafo.
[22] Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na minnim nea ɛbɛto me wɔ hɔ,
[23] gye sɛ Honhom Kronkron di me adanse nkurow nyinaa mu ka sɛ ɔkyere ne amane twɛn me.
[24] Na memfa eyi menyɛ biribi, nanso mimmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigye mawie me nantew ne ɔsom a minyae Awurade Yesu nkyɛn sɛ minni Nyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse no.
[25] Na afei, hwɛ, minim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahenni no ho asɛm no nyinaa renhu m’anim bio.
[26] Enti nnɛ midi mo adanse sɛ me ho afi mo nyinaa mogya ho;
[27] efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.
[28] Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.
[29] Na minim sɛ me kɔ akyi no, mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu a wɔrenkyɛe nguankuw no so.
[30] Nso mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.
[31] Enti monwɛn, monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.
[32] Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.
[33] M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade.
[34] Mo ankasa munim sɛ, nea ehiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae.
[35] Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.
[36] Na ɔkaa saa no, ɔkotow ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpae.
[37] Na wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.
[38] Na nea ɛyɛɛ wɔn yaw bebree, ne asɛm a ɔkae sɛ wɔrenhu n’anim bio no. Na wokogyaa no hyɛn no mu.