[1] Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa
[2] a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siee kyerɛw nsɛm kronkron mu,
[3] wɔ ne ba a ɔhonam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho;
[4] na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade
[5] a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti;
[6] na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo de nso ka ho;
[7] Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.
[8] Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa.
[9] Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu,
[10] na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi onnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn.
[11] Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom adom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den,
[12] ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu.
[13] Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede besie mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasiw me kwan abesi sesɛɛ), na manya mo nso mu aba bi, sɛ amanaman a aka no.
[14] Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wɔyɛ adweneharefo no ka;
[15] ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso.
[16] Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa, Yudafo kan ne Helafo nso.
[17] Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa.
[18] Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan.
[19] Efisɛ Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn.
[20] Na Nyankopɔn ho ade a wɔnhu, efi bere a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nneɛma a wɔayɛ no dedaw no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyi biara;
[21] efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma.
[22] Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea,
[23] na wɔsakraa Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔw honi sɛso, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea de.
[24] Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa afide wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wongu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu;
[25] efisɛ wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro, na wɔsɔre somm abɔde sen Ɔbɔadeɛ a wohyira no daa no. Amen.
[26] Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so;
[27] saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam nkitahodi yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu.
[28] Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata:
[29] Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo,
[30] nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo,
[31] wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu.
[32] Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.