Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:44

[1] Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ na yɛnsɔ yɛn ankasa ani.

[2] Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.

[3] Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohora agu me so.

[4] Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.

[5] Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no,

[6] na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam.

[7] Enti munnyigye mo ho, sɛnea Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no.

[8] Na mise: Kristo ayɛ twetiatwafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;

[9] na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman mufo ahyɛ no anuonyam, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Eyi nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din.

[10] Na ɔkae bio sɛ: Mo amanaman mufo, mo ne ne man nni ahurusi!

[11] Na bio: Mo amanaman mufo nyinaa monyi Awurade ayɛ, na mo aman ahorow nyinaa nkamfo no!

[12] Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai ntini ne nea ɔbɛsɔre abedi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda no so.

[13] Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.

[14] Me nuanom, migye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na mutumi tutu mo ho fo nso;

[15] nanso nea enti a mede nnam bebrebe mekyerɛw nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me,

[16] sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu.

[17] Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Onyankopɔn fam nneɛma mu.

[18] Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye nea Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufo setie wɔ asɛm ne adwuma mu,

[19] nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.

[20] Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ nea wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so,

[21] na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase.

[22] Eyi na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn.

[23] Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfe bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti,

[24] da biara a metu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mehu mo anim, na sɛ migye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ.

[25] Na seisei de, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefo no.

[26] Na Makedonia ne Akaia de fɛw aboaboa nneɛma bi ano de rekɔma ahotefo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo.

[27] Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ sɛ amanaman mufo anya wɔn honhom mu nneɛma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde ɔhonam mu nneɛma bɛsom wɔn bi.

[28] Enti minya miwie ade yi yɛ, na mede akyɛde no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania.

[29] Na minim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu.

[30] Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu,

[31] na wɔabeyi me afi asoɔdenfo a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefo no fɛ,

[32] na menam Onyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigye mu, na me ne mo abedwudwo yɛn ho.

[33] Asomdwoe Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters