Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:14

[1] Momma nnipa nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔman mu mpanyimfo tumi no ase. Na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ.

[2] Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi; na wɔn a wodi asi no benya afobu.

[3] Na wɔn a edi mpanyin no ho nyɛ hu mma wɔn a wɔyɛ nnwuma pa, na mmom wɔn a wɔyɛ bɔne. Wompɛ sɛ wusuro tumi no anaa? Ɛnne yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi!

[4] Efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma wo yiyedi. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wotɔ were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.

[5] Enti etwa sɛ mobrɛ mo ho ase hyɛ wɔn ase, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom ahonim nso ntia.

[6] Eyi nti nso na muyi tow, efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wokura ɔsom yi mu ara.

[7] Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow ahorow nyinaa mma nea ɔtow sɛ no, munsuro nea osuro sɛ no, munni nea nidi sɛ no ni.

[8] Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.

[9] Na mmara no: Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmmere ade! no, sɛ mmara asɛm biara ka ho a, wɔaka abom ahyɛ asɛm yi mu sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

[10] Ɔdɔ nyɛ ɔyɔnko bɔne, enti ɔdɔ ne mmara so di.

[11] Na eyi de munim, munim bere no, sɛ dɔn a mufi nna mu sɔre no anya adu, na afei yɛn nkwagye abɛn akyɛn bere a yɛdan gyidifo no.

[12] Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn; enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode.

[13] Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata hann, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi mu, ɛnyɛ ɔko ne nitan mu;

[14] na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atade, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters