Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:22

[1] Na mebɔ yɛn nuabea Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfo din mede no mehyɛ mo nsa

[2] sɛ: Munnye no Awurade mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo no, na munnyina n’akyi adwuma biara a mo ho behia no mu; efisɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne m’ankasa boafo.

[3] Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu

[4] a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.

[5] Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi no nso. Munkyia me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ofi Asia no.

[6] Munkyia Maria a ɔhaw ne ho pii maa mo no.

[7] Munkyia Androniko ne Yunia, m’abusuafo ne me yɔnko apokyerɛfo a wɔwɔ din asomafo no mu na wodii me kan Kristo mu no.

[8] Munkyia m’Awurade mu dɔfo Amplia.

[9] Munkyia yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfo Urbano ne me dɔfo Staki.

[10] Munkyia Apele a wɔahu no ɔnokwafo Kristo mu no. Munkyia wɔn a wofi Aristobulo fifo mu no.

[11] Munkyia me busuani Herodion. Munkyia wɔn a wofi Narkiso fifo mu a wɔwɔ Awurade mu no.

[12] Munkyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Munkyia ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no.

[13] Munkyia Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na no.

[14] Munkyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho.

[15] Munkyia Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne ahotefo a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa.

[16] Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Kristo asafo nyinaa kyiakyia mo.

[17] Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho.

[18] Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma.

[19] Na mo de, mo asoɔmmerɛw no atrɛw adu nnipa nyinaa asom; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafo, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,

[20] na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.

[21] Me yɔnko dwumayɛfo Timoteo ne m’abusuafo Lukio ne Yasɔn ne Sosipatro kyia mo.

[22] Me Tertio a mekyerɛw nhoma yi, mikyia mo Awurade mu.

[23] Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiwura kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne onua Kwarto kyia mo.

[24] [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen].

[25] Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka,

[26] na afei wɔayi no adi, na wɔnam adiyifo kyerɛw nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufo, sɛnea daa Nyankopɔn hyɛ no te, ama osetie a ɛde kɔ gyidi mu,

[27] Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro no, anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters