Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 8:55

[1] Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu

[2] sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.

[3] Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,

[4] na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de;

[5] na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.

[6] Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo,

[7] nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo.

[8] Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo.

[9] Efisɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afedan sesɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.

[10] Na ɛnyɛ eyi nko, na Rebeka nso ne obiakofo a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛnee,

[11] na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,

[12] wosee no sɛ: Ɔpanyin no bɛsom akumaa no;

[13] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Medɔɔ Yakob, na metan Esau.

[14] Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ anaa? Dabida!

[15] Na osee Mose sɛ: Nea mihu no mmɔbɔ no ara na mehu no mmɔbɔ, na nea me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.

[16] Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no.

[17] Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.

[18] Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.

[19] Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Ɛdɛn na ɔda so nunu onipa? Na hena na obetumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asi?

[20] Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?

[21] So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ?

[22] Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu,

[23] sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?

[24] Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.

[25] Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”, ne nea mannɔ no no ɔdɔfo;

[26] na ɛbɛba sɛ faako a wosee wɔn sɛ: Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn Teasefo no mma.

[27] Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;

[28] efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.

[29] Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.

[30] Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu;

[31] na Israel a wotiw trenee mmara no de, wɔanto trenee mmara no.

[32] Ɛdɛn ntia? Efisɛ wotiw no sɛ emfi gyidi mu, na mmom efi nnwuma mu; efisɛ wohintiw hintibo no,

[33] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters