Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 5:50

[1] Anaasɛ, anuanom, munnim na merekasa mekyerɛ wɔn a wonim mmara no, sɛ mmara di onipa so bere a ɔde te ase nyinaa?

[2] Na ɔbea a ɔhyɛ okunu ase de, wɔde mmara akyere no asa ne kunu, bere a ɔte ase no; na sɛ okunu no wu a, wɔasan no afi okunu no mmara no ho.

[3] Enti okunu no da so te ase no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ okunu no wu a, na wayi ne ho afi mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforo a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefo.

[4] Ne saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforo a ɔne nea wɔanyan no afi awufo mu no de, na yɛasow aba ama Onyankopɔn.

[5] Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsode nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnsow aba mma owu.

[6] Na afei de, sɛ yɛawu ama nea ɛkyekyere yɛn no nti, wɔasan yɛn afi mmara no ho ma yɛsom honhom foforoyɛ mu, na ɛnyɛ nkyerɛwee dedaw mu.

[7] Enti afei yebeka dɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabida, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmmere a, anka minnim akɔnnɔ.

[8] Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.

[9] Na me de, makwati mmara no matena ase pɛn; na mmara asɛm no bae no, bɔne nyanee bio;

[10] na me de, miwui, na saa mmara koro no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owu ama me.

[11] Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan daadaa me, na ɛnam so kum me.

[12] Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa.

[13] Ɛnne na nea ɛyɛ papa no adan owu ama me anaa? Dabida, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam nea ɛyɛ papa no so po de owu aba me so, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atena so.

[14] Na yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade, na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.

[15] Na nea meyɛ no, minhu; efisɛ ɛnyɛ nea mepɛ na meyɛ, na mmom nea mikyi no, ɛno na meyɛ.

[16] Na sɛ nea mempɛ no na meyɛ a, ɛnne mepene so sɛ mmara no ye.

[17] Ɛnne na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

[18] Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi.

[19] Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.

[20] Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnne ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

[21] Ɛnne mihu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu.

[22] Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho;

[23] nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.

[24] Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu?

[25] Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnne afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters