[1] Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?
[2] Na sɛ efi nnwuma mu na wobuu Abraham bem a, ɛnne na ɔwɔ nea ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim.
[3] Na dɛn na kyerɛw no se? Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno sɛ trenee maa no.
[4] Na nea ɔyɛ nnwuma no de, wommu n’akatua sɛ adom, na mmom sɛ ɛka bi a wɔretua ama no.
[5] Na nea ɔnyɛ nnwuma, na ogye nea obu obusuyɛfo bem di no, wobu ne gyidi sɛ trenee ma no.
[6] Sɛnea Dawid nso ka sɛ nhyira no yɛ onipa a Onyankopɔn kwati nnwuma bu trenee ma no no dea,
[7] sɛ: Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔn bɔne so akata.
[8] Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so.
[9] Ɛnne na nhyira yi ba twetiafo nko anaa momonotofo nso so? Efisɛ yɛka sɛ wobuu gyidi sɛ trenee maa Abraham.
[10] Na wobu maa no dɛn? Ɔwɔ twetiatwa mu anaa momonotoyɛ mu no a? Ɛnyɛ twetiatwafo mu, na mmom momonotoyɛ mu.
[11] Na onyaa twetiatwa sɛnkyerɛnne sɛ ne momonotoyɛ mu gyidi a ɔde nyaa trenee no nsɔano, na wayɛ momonotoyɛ mu gyidifo nyinaa agya, na wɔabu trenee no ama wɔn nso,
[12] na wayɛ twetiafo agya nso, a ɛnyɛ sɛ wofi twetiatwa mu nko, na mmom wotiatia yɛn agya Abraham gyidi a ɔwɔ, bere a na ɔyɛ momonoto no anammɔn mu bi.
[13] Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so.
[14] Na sɛ wɔn a wofi mmara mu no yɛ adedifo a, na gyidi no ayɛ kwa, na bɔhyɛ adan ohunu;
[15] efisɛ mmara no twe abufuw ba. Na nea mmara bi nni no, mmarato nso nni hɔ.
[16] Enti efi gyidi mu, sɛ emfi adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n'asefo no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wofi mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wofi Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya gyidi mu no nso bi,
[17] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Mede wo mayɛ amanaman mufo bebree agya,) Onyankopɔn a ogyee no dii a onyan awufo na ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no anim.
[18] Ɔno na faako a anidaso nni no, ogyina anidaso so gye dii, na wayɛ amanaman mufo bebree agya, sɛnea wɔaka no sɛ: Sɛnea w’asefo bɛyɛ ne no.
[19] Na wanyɛ mmerɛw gyidi mu anhwɛ ne nipadua sɛ wadi mfirihyia bɛyɛ ɔha nti anya awu, ne Sara yafunu a emu ato no;
[20] na Onyankopɔn bɔhyɛ no ho de, wamfa ogye a wonnye nni annye kyim, na mmom onyaa gyidi mu ahoɔden hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam,
[21] na onim ampa sɛ, nea wahyɛ ho bɔ no, obetumi ayɛ nso.
[22] Enti nso wobuu no sɛ trenee maa no.
[23] Na ɛnyɛ ne nko nti na wɔakyerɛw eyi, sɛ wobuu no saa maa no,
[24] na mmom yɛn nso a yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di no, wobebu no saa ama yɛn;
[25] ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no.