Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:37

[1] Nea ɔyɛ mmerɛw gyidi mu no, munnye no, na mmom mo ne no nham wɔ nea n’adwene kyerɛ no ho.

[2] Obi gye di sɛ otumi di aduan biara bi; na nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi ahabannuan nko ara.

[3] Nea odidi no mmmu nea onnidi animtiaa, na nea onnidi no mmmu nea odidi atɛn, na Onyankopɔn agye no.

[4] Hena ne wo a wubu obi fienipa atɛn? N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase; nanso obegyina, na Awurade betumi ama no agyina.

[5] Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ. Momma obiara adwene nsi no pi.

[6] Nea odwen da bi ho no, odwen ma Awurade. Nea odidi no, odidi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na nea onnidi no, onnidi de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.

[7] Na yɛn mu biara nte ase mma ne ho, na obiara nwu mma ne ho.

[8] Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; sɛ yewu nso a, yewu ma Awurade. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Awurade dea.

[9] Na eyi nti na Kristo wui na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.

[10] Na wo de, adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.

[11] Na wɔakyerɛw sɛ: Awurade se: Sɛ mete ase yi, me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛbɔ Onyankopɔn din.

[12] Enti afei yɛn nyinaa bebu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.

[13] Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mummu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa abew anaa hintidua bi nnto hɔ mmma ne nua.

[14] Minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ biribiara ankasa nyɛ fi; na nea obu biribi fi no, ɔno ara na ɛyɛ fi ma no.

[15] Na sɛ w’aduan nti wo nua werɛ how a, ɛnne ɛnyɛ ɔdɔ so na wonantew bio. Mfa w’aduan nsɛe nea Kristo sii n’ananmu wui no.

[16] Enti mommma wɔnnka mo papa ho nsɛmmɔne!

[17] Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye.

[18] Na nea ɔsom Kristo eyinom mu no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa bu no.

[19] Enti afei momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi.

[20] Aduan nti nsɛe Onyankopɔn adwuma! Nneɛma nyinaa ho tew de, nanso ɛyɛ bɔne ma onipa sɛ odi nea ɛto hintidua.

[21] Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.

[22] Wo de, wo gyidi a wowɔ no, kora so fa, Onyankopɔn anim! Nhyira ne nea ommu ne ho atɛn nea obu no sɛ eye no mu.

[23] Na nea n’adwenem yɛ no naa no, sɛ odidi a, wadi fɔ; efisɛ emfi gyidi mu na odidi. Na biribiara a emfi gyidi mu no yɛ bɔne.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters