[1] Afei dɛn na Yudani anya aboro so, anaasɛ twetiatwa ho mfaso ne dɛn?
[2] Ɛdɔɔso akwan horow nyinaa mu: Nea edi kan ne sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ahyɛ wɔn nsa.
[3] Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu anaa?
[4] Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nkonim.
[5] Na sɛ yɛn teɛ a yɛnteɛ yi na eyi Nyankopɔn trenee no kyerɛ a, yebese dɛn? Onyankopɔn nteɛ sɛ ɔde abufuw ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)
[6] Dabida, sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bebu wiase atɛn dɛn?
[7] Na sɛ Onyankopɔn nokware da adi mmoroso wɔ m’atoro mu kɔ n’anuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfo,
[8] Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛnea wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse: ) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛnea ɛfata.
[9] Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,
[10] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.
[11] Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.
[12] Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa ayɛ nea mfaso nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.
[13] Wɔn menewa yɛ ɔda a abue, wɔde wɔn tɛkrɛma daadaa; nhurutoa bɔre wɔ wɔn anofafa ase.
[14] Nnome ne ade nwenwene ahyɛ wɔn anom ma.
[15] Wɔn anan yɛ hare, mogyahwiegu ho,
[16] Pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,
[17] na asomdwoe kwan de, wonnim.
[18] Onyankopɔn suro biara nni wɔn ani so.
[19] Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.
[20] Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.
[21] Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn trenee adi; ɛho adanse na mmara ne adiyifo di.
[22] Na ɛyɛ Onyankopɔn trenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidi so hyɛn wɔn a wogye di nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa so. Na nsonoe biara nni mu,
[23] efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn,
[24] na wɔde n'adom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.
[25] Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti.
[26] Na ɔde akyerɛ ne trenee no wɔ ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.
[27] Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so.
[28] Enti na yebu sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidi na ebu onipa bem.
[29] Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara de? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi? Ampa, ɔyɛ amanaman mufo de nso.
[30] Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem.
[31] Ɛnne na yɛnam gyidi so tuu mmara no gui anaa? Dabida, na mmom yɛma mmara no ase atim.