Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:33

[1] Na afei mise: Onyankopɔn atow ne man akyene anaa? Dabida, na me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo mu, Benyamin abusuakuw mu.

[2] Onyankopɔn ntow ne man a ohuu wɔn siei no nkyenee. Anaasɛ munnim nea kyerɛw no ka fa Elia ho, sɛ ogyina Onyankopɔn anim bɔɔ Israelfo kwaadu?

[3] Sɛ: Awurade, w’adiyifo no, wɔakunkum wɔn, na w’afɔremuka nso, wɔadwiridwiriw, na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me akum me.

[4] Na Onyankopɔn anom asɛm se no dɛn? Mama mmarima mpemnsɔn aka ama me a wɔmfaa wɔn nkotodwe nkotow Baal.

[5] Saa ara na sesɛɛ bere yi mu nso nkae bi nam adom yi so aka.

[6] Na sɛ ɛnam adom so a, na emfi nnwuma mu bio, efisɛ ɛno de, anka adom nyɛ adom bio.

[7] Ɛnne na ɛdɛn? Nea Israelfo hwehwɛ no, wɔannya; na wɔn a wɔayi wɔn no anya, na wɔn a aka no koma apirim;

[8] sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛtɔ nko, ani a wɔmmfa nnhu ade ne aso a wɔmmfa nnte asɛm de abedu nnɛ da yi.

[9] Na Dawid ka sɛ: Ma wɔn didipon nyɛ apa, ne afiri ne hintidua ne akatua mma wɔn;

[10] ma wɔn aniwa nnuru sum, na wɔanhu ade, na kuntun wɔn akyi daa.

[11] Na afei mise: Wohintiwii sɛ wɔnhwe ase anaa? Dabida, na mmom nkwagye nam wɔn ntereho no so bɛyɛɛ amanaman no de, sɛ ɛrebɛma wɔatwe ninkunu.

[12] Na sɛ wɔn ntereho no dan wiase ahonya, na wɔn so huan dan amanaman ahonya a, wɔn mayɛ bɛkyɛn saa dɛn ara!

[13] Na mo amanaman mufo na mekasa mekyerɛ mo: Esiane sɛ meyɛ amanaman mu somafo nti, mekamfo me som,

[14] sɛ ebia mɛma wɔn a wɔyɛ me mfɛfo Yudafo no atwe ninkunu, na magye wɔn mu binom nkwa.

[15] Na sɛ wɔn tow a wɔtow wɔn kyenee no yɛ wiase mpata a, ɛdɛn na wɔn gye no bɛyɛ, ɛnyɛ nkwa a efi owu mu anaa?

[16] Sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, tɔw no nyinaa yɛ bi; na sɛ ntini no yɛ kronkron a, nnubaa no nso yɛ bi.

[17] Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a,

[18] nhoahoa wo ho nnubaa no ho! Na sɛ wohoahoa wo ho a, ɛnyɛ wo na woso ntini no, na ntini no na ɛso wo.

[19] Afei wobɛka se: Nnubaa no bubui sɛ wɔmfa me nhyɛ mu.

[20] Wiɛ, ogye a wɔannye anni nti na ebubui, na wo de, wode gyidi na egyina hɔ. Nnwen akokurokosɛm, na mmom suro!

[21] Na sɛ Onyankopɔn ankora nnubaa a efi dua no ankasa mu fifii no so a, ɔrenkora wo nso so.

[22] Enti hwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe ase no dii no dennennen so, na wo de, Onyankopɔn kyerɛ ne ayamye no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamye no mu ara; anyɛ saa a, wobetwa wo nso akyene.

[23] Na wɔn nso, sɛ wɔantena ogye a wonnye nni no mu a, wɔde wɔn bɛhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn betumi de wɔn ahyɛ mu bio.

[24] Na sɛ wɔatwa wo afi dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua ho, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa mu a, mpɛn ahe ara na wɔremfa eyinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu?

[25] Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;

[26] na ɛno ansa na Israel nyinaa benya nkwa, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ogyefo no befi Sion aba abetu amumɔyɛsɛm ase afi Yakob ho.

[27] Na apam a me ne wɔn bɛpam bere a meyi wɔn bɔne makɔ no ni.

[28] Asɛmpa no fam de, mo nti wɔyɛ atamfo, na eyi no fam de, agyanom no nti wɔyɛ adɔfo;

[29] efisɛ Onyankopɔn ma obi adom akyɛde na ɔfrɛ no a ɔnntwe nsan.

[30] Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gye a wonnye nni no so ahu mo mmɔbɔ no,

[31] saa ara nso na seisei eyinom ayɛ asoɔden, na ɛnam ahummɔbɔ a wɔde ahu mo no so, wɔn nso anya ahummɔbɔ bi.

[32] Na Onyankopɔn aka wɔn nyinaa ahyɛ ogye a wonnye nni no ase sɛ obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ.

[33] O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛe, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.

[34] Na hena na wahu Awurade adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?

[35] Anaasɛ hena na ɔmaa no biribi kan, na watua no so ka?

[36] Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, na ɛnam no so ba, na ewie ne mu; ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen.

Paulo Nhoma A Ɔkyerɛw Kɔmaa Romafo — Chapters