Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:09

[1] Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom.

[2] Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

[3] Na hwɛ, kyerɛwfo no mu binom kae wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm.

[4] Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?

[5] Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?

[6] Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!

[7] Na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi.

[8] Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.

[9] Na Yesu fi hɔ retwam no, ohuu onipa bi a ɔte atowgyei a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.

[10] Na ɛbae sɛ ɔte adidii wɔ fie no, hwɛ, towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii bae ne Yesu ne n’asuafo no bɛtenaa adidii.

[11] Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?

[12] Na ɔtee no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no.

[13] Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.

[14] Ɛnna Yohane asuafo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Adɛn nti na yɛne Farisifo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?

[15] Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.

[16] Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.

[17] Nanso wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe. Na wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu, na n’abien nyinaa ayɛ yiye.

[18] Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.

[19] Na Yesu sɔre ne n’asuafo no dii n’akyi.

[20] Na hwɛ, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’atade ano nnwow.

[21] Na ɔbea no kae ne tirim sɛ: Sɛ mede me nsa meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den.

[22] Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.

[23] Na Yesu duu ɔpanyin no fi na ohuu atɛntɛbɛnhyɛnfo ne nkurɔfokuw a wɔreyɛ gyegyeegye no,

[24] ɔkae sɛ: Momma kwan, na ababaa no nwui, na wada. Na wɔserew no.

[25] Na ɔpam nkurɔfokuw no fii adi no, ɔkɔɔ mu kosoo ne nsa, na ababaa no nyanee.

[26] Na eyi ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.

[27] Na Yesu fi hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!

[28] Na oduu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn; na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mugye di sɛ metumi mayɛ eyi? Wɔbuaa no sɛ: Yiw, owura.

[29] Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn aniwa kae sɛ: Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa mma mo!

[30] Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante!

[31] Na wɔn de, wofii hɔ no, wɔde ne ho asɛm trɛwee asase no nyinaa so.

[32] Na wɔrefi adi no, hwɛ, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ no so brɛɛ no.

[33] Na otuu honhommɔne no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa, na wɔkae sɛ: Wonhuu saa bi da wɔ Israel.

[34] Na Farisifo no de, wɔkae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin so na otu ahonhommɔne.

[35] Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyiadan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

[36] Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔabrɛ, na na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.

[37] Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.

[38] Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters