Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 4:12

[1] Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, osee n’asuafo no sɛ:

[2] Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi Onipa Ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu.

[3] Ɛnna asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo kohyiaa ɔsɔfo panyin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,

[4] na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.

[5] Nanso wɔkae sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.

[6] Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani fi no,

[7] ɔbea bi a okura ngo huamhuam a ne bo yɛ den, sradehuam toa ma baa ne nkyɛn. Na ɔte adidii no, obehwiee ngo no guu n’atifi.

[8] Na asuafo no hui no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkae sɛ: Adesɛe yi ase ne dɛn?

[9] Anka wobetumi atɔn eyi agye sika pii, na wɔde ama ahiafo.

[10] Na Yesu hui no, osee wɔn sɛ: Adɛn na morehaw ɔbea no? Wayɛ me ho adwuma pa.

[11] Na ahiafo wɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.

[12] Na sɛ wahwie ngo huamhuam yi agu me nipadua so yi, wayɛ ama me sie.

[13] Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae.

[14] Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn

[15] sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.

[16] Na efi ɛno so no, ɔhwehwɛe sɛnea obenya ɔkwan ayi no ama.

[17] Na Apiti da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi Twam (afahyɛ) no?

[18] Na ose: Monkɔ kurow no mu asiamasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo se: Me bere abɛn; wo nkyɛn na me ne m’asuafo rebedi Twam (afahyɛ) no.

[19] Na asuafo no kɔyɛe sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn no, na wosiesiee Twam (afahyɛ) no.

[20] Na eduu anwummere no, ɔne asuafo dumien no bɛtenaa ase.

[21] Na wɔredidi no, ɔkae sɛ: Nokware mise mo sɛ, mo mu biako rebeyi me ama.

[22] Na wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase sisee no mmiako mmiako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa?

[23] Na obuae sɛ: Nea ɔne me to nsa asanka mu no, ɔno ara na obeyi me ama.

[24] Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka eye ma no.

[25] Ɛnna Yuda a oyii no mae no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Obuaa no sɛ: Woaka.

[26] Na wɔredidi no, Yesu faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam.

[27] Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi;

[28] na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ.

[29] Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu.

[30] Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.

[31] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua anadwo yi. Na wɔakyerɛw sɛ: Mɛbɔ oguanhwɛfo no, na ekuw no mu nguan no abɔ apete.

[32] Na me sɔre akyi no, medi mo anim makɔ Galilea.

[33] Na Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua po a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.

[34] Yesu see no sɛ: Nokware mise wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.

[35] Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ etwa sɛ me ne wo bewu po a, merempa wo. Saa ara na asuafo no nyinaa nso kae.

[36] Ɛnna Yesu ne wɔn duu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ noho nkɔbɔ mpae ansa.

[37] Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara.

[38] Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhow ahyɛ me kra so de rekɔ owu mu; montena ha na mo ne me nwɛn.

[39] Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kobutuw fam bɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.

[40] Na ɔbaa asuafo no nkyɛn no, obehuu wɔn sɛ wɔada. Na osee Petro sɛ: So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako?

[41] Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.

[42] Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpae sɛ: M’agya, sɛ eyi rentwa me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.

[43] Na ɔbae no, obehuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum.

[44] Na ogyaw wɔn kɔe bio kɔbɔɔ mpae ne mprɛnsa so kaa asɛnkoro no ara.

[45] Ɛnna ɔbaa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei de, monna na monhome ɛ! Hwɛ, dɔn no adu a wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa.

[46] Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn.

[47] Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.

[48] Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no!

[49] Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano.

[50] Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no.

[51] Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu biako teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso.

[52] Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.

[53] Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafodɔm bɛboro dumien mmegyina me ho?

[54] Na ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?

[55] Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me.

[56] Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.

[57] Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no.

[58] Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfo no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awiei.

[59] Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,

[60] nanso wɔannya bi. Adansekurumfo bebree bae de, nanso wɔannya bi. Na akyiri yi no, baanu bae

[61] sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa.

[62] Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?

[63] Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.

[64] Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.

[65] Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no.

[66] Mudwen ho dɛn? Na wobuae sɛ: Ɔsɛ owu.

[67] Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre

[68] sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo?

[69] Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

[70] Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi.

[71] Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!

[72] Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no.

[73] Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!

[74] Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.

[75] Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters