Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:28

[1] Ɛnna Kyerɛwfo ne Farisifo fi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkae sɛ:

[2] Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.

[3] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so?

[4] Na Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu.

[5] Na mo de, muse: Obi a obese n’agya anaa ne na sɛ: Nea anka wubenya me ho no yɛ ayɛyɛde no,

[6] na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni, na mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm.

[7] Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:

[8] Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.

[9] Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.

[10] Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie, na monte ase.

[11] Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.

[12] Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?

[13] Na obuae sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu.

[14] Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.

[15] Na Petro bua see no sɛ: Kyerɛ yɛn bɛ no ase!

[16] Na ose: Mo nso moda so nte ase ara?

[17] Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi fi gu yaane mu anaa?

[18] Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi.

[19] Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.

[20] Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi.

[21] Na Yesu fi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fam.

[22] Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!

[23] Nanso wammua no. Na n’asuafo no bae bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.

[24] Na Yesu buae sɛ: Israel fi nguan a ayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.

[25] Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me!

[26] Na obuae sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma akraman mma.

[27] Na ose: Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.

[28] Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babea no ho yɛɛ no den.

[29] Na Yesu fi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔw so kɔtenaa ase wɔ hɔ.

[30] Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yare

[31] ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.

[32] Na Yesu frɛɛ n’asuafo no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi; nanso mempɛ sɛ migya wɔn kwan ma wɔde yafumpan kɔ, na wɔankɔtoto baha wɔ ɔkwan mu.

[33] Na asuafo no see no sɛ: Ɛhe na yebenya abodoo a ɛbɛso nkurɔfokuw pii sɛɛ, anwea pradada so ha?

[34] Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Abodoo ahe na mowɔ? Na wose: Ason ne mpataa nketewaa bi.

[35] Na ɔhyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ wɔntenatena fam.

[36] Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

[37] Na wɔn nyinaa di mee, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkae no nkɛntɛn ason mama.

[38] Na wɔn a wodii no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho.

[39] Na ogyaa nkurɔfo akuwakuw no kwan no, ɔtenaa ɔkorow mu na ɔbaa Magadan ahye so.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters