Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 6:37

[1] Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebu mu bio sɛ:

[2] Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔtoo ayeforo pon maa ne ba.

[3] Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba.

[4] Bio, ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne me nyɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase!

[5] Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua.

[6] Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn.

[7] Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.

[8] Ɛnna osee ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn.

[9] Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo apontow no ase.

[10] Na nkoa no fii adi kɔɔ akwan so kɔboaboaa dodow a wohuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔho bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.

[11] Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

[12] Na obisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha dɛn ni na wonhyɛ ayeforohyia atade yi? Na ɔtɔɔ mum.

[13] Ɛnna ɔhene no see asomfo no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

[14] Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de, wɔyɛ kakraa bi.

[15] Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu.

[16] Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

[17] Enti kyerɛ yɛn nea wudwen. Ɛwɔ ho kwan sɛ woyi tow ma Kaesare anaasɛ wonnyi?

[18] Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ?

[19] Momfa ɔtow sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.

[20] Na obisaa wɔn sɛ: Hena mfonini ne nkyerɛwee ni?

[21] Wose: Kaesare dea. Ɛnna osee wɔn sɛ: Ɛnne momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!

[22] Na wɔtee no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa; na wogyaw no hɔ kɔe.

[23] Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no

[24] sɛ: Kyerɛkyerɛfo, Mose kae sɛ: Sɛ obi wu na onni mma a, ne nua nware ne yere no, na ɔnwo mma ne nua no.

[25] Na anuanom baason tenaa yɛn nkyɛn ha. Nea odi kan no waree, na owui; wannya mma, na ogyaw ne yere no maa ne nua.

[26] Saa ara nso na nea ɔto so abien ne abiɛsa no yɛe de beduu ason no so.

[27] Na wɔn nyinaa akyi no, ɔbea no nso wui.

[28] Enti owusɔre mu no, baason yi mu hena na ɔbɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa aware no.

[29] Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mofom, na munnim kyerɛw nsɛm ne Nyankopɔn tumi.

[30] Na owusɔre mu no, wɔnnware na wɔmma aware, na wɔte sɛ abɔfo wɔ ɔsoro.

[31] Na ɛfa awufo sɔre ho de, monnkenkan nea Onyankopɔn kaa no pɛn sɛ:

[32] Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo Nyankopɔn.

[33] Na nkurɔfo akuwakuw no tee no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw.

[34] Na Farisifo no tee sɛ wamua Sadukifo no ano no, wokohyiaa faako.

[35] Na wɔn mu biako a ɔyɛ mmarakyerɛfo bisaa no de sɔɔ no hwɛe sɛ:

[36] Kyerɛkyerɛfo, mmara no mu kɛse ne nea ɛwɔ he?

[37] Na osee no sɛ: Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu!

[38] Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.

[39] Na nea ɛto so abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

[40] Mmara nsɛm abien yi so na mmara ne adiyifo nyinaa gyina.

[41] Na Farisifo no hyiae no, Yesu bisaa wɔn

[42] sɛ: Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid.

[43] Obisaa wɔn sɛ: Na afei adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ:

[44] Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase?

[45] Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?

[46] Na obiara antumi ammua no asɛm bi, nanso efi da no, obiara antumi ammisa no asɛm bi bio.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters