[1] Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.
[2] Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.
[3] Na ofii adi bɛyɛ sɛ anɔpa nnɔnkron kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa.
[4] Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na akatua a eye no na mede bɛma mo.
[5] Na wɔkɔe. Bio ɛbɛyɛ awia dumien ne nnɔnabiɛsa mu no ofii adi kɔyɛɛ saa ara.
[6] Na ɛbɛyɛ anwummere nnɔnnum mu no ofii adi kohuu afoforo sɛ wogyinagyina hɔ kwa, na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mugyinagyina ha kwa adekyee nyinaa yi?
[7] Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!
[8] Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so.
[9] Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummere nnɔnnum bae no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.
[10] Na adikanfo no bae no, wosusuwii sɛ wobenya nea ɛsen saa; na wɔn nso nyaa denare denare.
[11] Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii hyɛɛ ofiwura no
[12] sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?
[13] Na obua see wɔn mu biako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ; me ne wo anni ano denare anaa?
[14] Fa wo de na kɔ! Minni ho kwan sɛ mema nea ɔbaa akyiri yi sɛ wo,
[15] anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?
[16] Saa na akyikafo bedi kan, na adikanfo adi akyiri; (na wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔapaw wɔn).
[17] Na Yesu reforo akɔ Yerusalem no, ɔfaa dumien no nko kɔɔ nkyɛn, ɔkwan no mu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ:
[18] Hwɛ, yɛreforo akɔ Yerusalem, na wobeyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa na wɔabu no kumfɔ,
[19] na wɔde no ahyɛ amanaman mufo nsa sɛ wongoru ne ho, na wɔnka no mpire, na wɔmmɔ no asɛnnua mu, ne nnansa so no, obenyan bio.
[20] Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.
[21] Na Yesu bisaa no sɛ: Dɛn na wopɛ? Osee no sɛ: Ka ma me mma baanu yi mu biako ntena wo nifa, na obiako nso ntena wo benkum w’ahenni no mu.
[22] Na Yesu buae sɛ: Munnim nea morebisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa? (Anaasɛ mubetumi ama wɔde asubɔ a wɔde rebɛbɔ me no abɔ mo anaa?) Wosee no sɛ: Yebetumi.
[23] Na osee wɔn sɛ: Me kuruwa de, mobɛnom; (na m'asubɔ nso mubenya) na me nifa ne me benkum tena de, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.
[24] Na edu no tee no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwo.
[25] Na Yesu frɛɛ wɔn bae, kae sɛ: Munim sɛ wiase amanaman ahemfo di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.
[26] Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo,
[27] na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa;
[28] sɛnea Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa nnipa pii ne no.
[29] Na wofi Yeriko rekɔ no, nkurɔfokuw pii dii n’akyi.
[30] Na hwɛ, anifuraefo baanu a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!
[31] Na nkurɔfokuw no kaa wɔn anim sɛ wommua wɔn ano. Ɛno mmom na wɔteɛteɛɛm dennen sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!
[32] Na Yesu gyina frɛɛ wɔn sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?
[33] Wosee no sɛ: Awurade, ma yɛn aniwa mmue!
[34] Yesu huu wɔn mmɔbɔ, na ɔde ne nsa kekaa wɔn ani; na ntɛm ara wohuu ade, na wodii n’akyi.