[1] Na homeda no twaam no, da a edi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria biako no bae sɛ wɔrebɛhwɛ ɔda no.
[2] Na hwɛ, asase wosowee kɛse pa ara; na Awurade bɔfo fi soro sian bae bemunum ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so.
[3] Na ne ho te sɛ anyinam, na n’atade hoa sɛ asukɔtwea.
[4] Na ne ho hu nti awɛmfo no ho popoe, na wɔyɛe sɛ awufo.
[5] Na ɔbɔfo no bua see mmea no sɛ: Mo de, munnsuro! Na minim sɛ mohwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.
[6] Onni ha; na wanyan sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ faako a na ɔda!
[7] Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu. Na hwɛ, odi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no; hwɛ, maka makyerɛ mo.
[8] Na wofii ɔda no ho ntɛm ara de ehu ne anigye kɛse tutuu mmirika sɛ wɔrekɔka akyerɛ n’asuafo no.
[9] Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.
[10] Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Munnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.
[11] Na wɔrekɔ no, hwɛ, awɛmfo no mu binom baa kurow no mu bɛkaa nea esii nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyimfo no.
[12] Na wɔne mpanyimfo no hyiae na wotuu agyina no, wɔmaa asraafo no sika bebree
[13] kae sɛ: Monka sɛ: Anadwo a yɛdae no na n’asuafo bae bewiaa no.
[14] Na sɛ eyi du amrado asom a, yɛbɛkyerɛ no mu na mo ho anka mu.
[15] Na wogyee sika no kɔyɛe sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no. Na asɛm yi atrɛw Yudafo mu de abedu nnɛ.
[16] Na asuafo dubiako no siim kɔɔ Galilea, bepɔw a Yesu kyerɛɛ wɔn no so.
[17] Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.
[18] Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
[19] Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
[20] na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.