Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 3:48

[1] Ɛbere no mu no, Yesu kɔfaa aburofuw bi mu homeda bi; na ɔkɔm dee n’asuafo no, wofii ase pempan mmɛtem no bi wee.

[2] Na Farisifo no hui no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ homeda.

[3] Na osee wɔn sɛ: Monkenkanee nea Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?

[4] Sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi, na okodii Kyerɛ abodoo a ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wodi gye asɔfo nko ara no?

[5] Anaasɛ monkan mmara no mu sɛnea homeda, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi no sɛe homeda nanso woanni ho fɔ no?

[6] Na mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.

[7] Na sɛ anka mote eyi ase sɛ: Mmɔborohunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wonni fɔ no fɔ;

[8] na onipa ba no yɛ homeda wura.

[9] Na ofii hɔ kɔɔ wɔn hyiadan mu.

[10] Na hwɛ, onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu. Na wobisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yare homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.

[11] Na osee wɔn sɛ: Mo mu hena na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔtɔ amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so?

[12] Onipa nsom bo nsen oguan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.

[13] Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: Teɛ wo nsa! Na ɔteɛe, na ɛsan yɛɛ yiye sɛ biako no.

[14] Na Farisifo no fii adi kotuu ne ho agyina sɛnea wobekum no.

[15] Na Yesu hui no, ɔtwee ne ho fii hɔ, na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yare.

[16] Na ɔbraa wɔn sɛ wonnyi no adi,

[17] na nea Odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ:

[18] Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; Mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman mufo.

[19] Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so;

[20] na abaa a abukaw no, ɔremmu mu, na ntamaban a efi wusiw nso, ɔrennum de akosi sɛ ɔde atɛntrenee bɛkɔ nkonimdi mu.

[21] Na ne din so na amanaman de wɔn ho bɛto.

[22] Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa mum no kasae, na ohuu ade.

[23] Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?

[24] Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.

[25] Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.

[26] Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?

[27] Na sɛ me, mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma de hena na etu wɔn? Eyi nti wɔbɛyɛ mo atemmufo.

[28] Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnne na Onyankopɔn ahenni anya aba mo so.

[29] Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi.

[30] Nea ɔnka me ho no, na otia me; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.

[31] Eyi nti mise mo sɛ: Wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, na honhom ho abususɛm de, wɔremfa nkyɛ nnipa.

[32] Na nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron de, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.

[33] Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne, na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko.

[34] Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.

[35] Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnepa adi; na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi nnebɔne adi.

[36] Na mise mo sɛ, asɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmuda.

[37] Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bebu wo fɔ.

[38] Ɛnna kyerɛwfo ne Farisifo no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi fi wo hɔ.

[39] Na obua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.

[40] Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na Onipa Ba no bedi asase ase nnansa awia ne anadwo.

[41] Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu na wɔabu wɔn fɔ, efisɛ wɔsakraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.

[42] Anafo hɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wabu wɔn fɔ, efisɛ ofi asase ano noho betiee Solomon nyansa; na hwɛ, nea ɔsen Solomon wɔ ha.

[43] Sɛ honhom fi no fi onipa no mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome, na onnya bi.

[44] Na ose: Mɛsan makɔ me dan a mifii mu mebae no mu. Na ɔba a, ɔbɛto sɛ ɛda mpan, wɔaprapra mu, na wɔasiesie mu.

[45] Na ɔkɔ kɔfa ahonhom ason foforo a wɔyɛ bɔne sen no ka ne ho, na wɔbɛhyɛn mu tena hɔ; na onipa no akyiri yi asetena yɛ bɔne sen kan de no. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.

[46] Na ogu so kasa kyerɛ nkurɔfo akuwakuw no, hwɛ, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa.

[47] Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa.

[48] Na obua see nea osee no saa no sɛ: Hena ne me na, na hena ne me nuanom?

[49] Na ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ n’asuafo no so kaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom ni!

[50] Na obiara, a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuammarima ne onuabea ne ɛna.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters