Skip to content
Opens in a new window
Listen to this chapter • 7:09

[1] Na ɔfrɛɛ n’asuafo dumien no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wontu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

[2] Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,

[3] Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyeni Mateo, Alfeo ba Yakob ne Tadeo,

[4] Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a oyii no mae no nso.

[5] Dumien yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu,

[6] na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn!

[7] Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.

[8] Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!

[9] Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu,

[10] monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na ɛfata odwumayɛfo sɛ odidi.

[11] Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔfata wɔ hɔ, na ɛhɔ na montena nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.

[12] Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no.

[13] Na sɛ ɛfata ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛmfata no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.

[14] Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.

[15] Nokware mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.

[16] Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.

[17] Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wɔbeyi mo ama mpanyimfo agua, na wɔaka mo mpire wɔn hyiadan mu.

[18] Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.

[19] Na sɛ woyi mo ma a, monnnwenwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka no bɛma mo ɛdɔn no ara mu.

[20] Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.

[21] Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.

[22] Na me din nti nnipa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.

[23] Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.

[24] Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura.

[25] Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo, ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo?

[26] Enti munnsuro wɔn; na biribiara nni hɔ a ɛso akata a ɛrenna adi, anaa ahintaw a wɔrenhu.

[27] Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi.

[28] Na munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.

[29] So wɔntɔn nkasanoma abien nnye kaprɛ? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam.

[30] Na mo ti nwi mpo, wɔakan ne nyinaa.

[31] Enti munnsuro! Mosen mpatuprɛ bebree.

[32] Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;

[33] na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’agya a ɔwɔ soro no anim.

[34] Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.

[35] Na meba bɛpaapae mu na ɔbarima asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’asebea;

[36] na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.

[37] Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔmfata me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔmfata me,

[38] na nea ɔmfa n’asɛnnua na onni m’akyi no, ɔmfata me.

[39] Nea ne nsa aka ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra fii ne nsa no, ne nsa bɛka.

[40] Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.

[41] Nea ogye odiyifo wɔ odiyifo din mu no, ne nsa bɛka odiyifo akatua; na nea ogye onipa trenee wɔ onipa trenee din mu no, ne nsa bɛka onipa trenee akatua.

[42] Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Asɛmpa No Sɛneɛ Mateo Kyerɛw Maeɛ — Chapters